Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 41

1 Ɔbarima no de me kɔɔ mfikyiri kronkronbea na osusuw afadum no; na ne trɛw anammɔn akron ne fa biara. 2 Abobow ano no trɛw anammɔn dunum, na afasu a epuepue afaanu no trɛw anammɔn ason ne fa. Afei osusuw mfikyiri kronkronbea a na ne tenten anammɔn aduosia na ne trɛw anammɔn aduasa.

3 Afei ɔkɔɔ mfimfini kronkronbea kosusuw nʼafadum a ɛwɔ nʼabobow ano no; biara trɛw anammɔn abiɛsa. Abobow ano no trɛw anammɔn akron, na afasu a epuepue afaanu no nso trɛw anammɔn du ne fa. 4 Na osusuw mfimfini kronkronbea no tenten; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne trɛw kosi mfikyiri kronkronbea no nso anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me se, "Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea."

5 Osusuw asɔredan no fasu; na mu piw anammɔn akron, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara trɛw anammɔn asia. 6 Wosisii nkyɛnkyɛn adan asan abiɛsa a ɛtoa so so. Adan aduasa ɔsan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi so no ntrantraa te apa a atwa asɔredan no fasu no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinaso ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no fasu no. 7 Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ ase. Asan abiɛsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, nea ɛwɔ soro biara trɛw sen nea ɛwɔ nʼase, ɛno nti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ nʼase. Atrapoe bi fi ɔsan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no ɔsan a ɛto so abiɛsa no so.

8 Mihuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tenten anammɔn akron. 9 Nkyɛnkyɛn adan afasu a ɛwɔ akyi no mu piw anammɔn ason ne fa. Ɔkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia 10 ne asɔfo adan no ntam anammɔn aduasa. 11 Na apon deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɔkwan no. Na baako atifi fam na baako nso anafo fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɔkwan no so no mu piw anammɔn ason ne fa ho nyinaa.

12 Ɔdan a ani hwɛ asɔredan no adiwo atɔe fam no trɛw anammɔn ɔha ne anum. Ɔdan no fasu no mu piw anammɔn ason ne fa ho nyinaa na ne tenten anammɔn ɔha aduasa anum.

13 Osusuw asɔredan no, na ne tenten anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adiwo ne ɔdan no a nʼafasu ka ho no nso tenten anammɔn ɔha ne aduonum. 14 Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam, de besi asɔredan no anim anammɔn ɔha ne aduonum.

15 Afei osusuw ɔdan a ani hwɛ adiwo a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ho abrannaa a ɛwɔ ɔfa biara; na ne tenten anammɔn ɔha ne aduonum.

Mfikyiri kronkronbea, mfimfini kronkronbea ne ntwironoo a ani hwɛ adiwo, 16 ne abobow ano, mfɛnsere nketenkete ne mmrannaa a atwa abiɛsa yi ho ahyia, nea ɛka ho biara ne abobow ano na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasu no ho kɔka mfɛnsere no ano ne mfɛnsere no, na wɔde nnua aduradura ho. 17 Ɔkwan a ɛda ɔpon a ɛkɔ mfimfini kronkronbea no atifi ne afasu no ho nyinaa, mfimfini ne mfikyiri kronkrommea no ho nyinaa 18 na wɔasen kerubim ne mmedua. Mmedua no didi kerubim no akyi. Kerubim biara anim abien. 19 Onipa anim kyerɛ mmedua ɔfa baako na gyata anim kyerɛ mmedua no ɔfa baako a aka no. Na wosinsen tetaree asɔredan no ho nyinaa. 20 Efi fam de kosi ɔkwan a ɛda ɔpon no atifi ne afasu no ho nyinaa no na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse no fasu ho.

21 Na mfikyiri kronkronbea no apongua ahannan, na nea ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. 22 Na afɔremuka a wɔde dua asen no ahinanan a ne sorokɔ anammɔn anan ne fa a ɔfa biara tenten anammɔn abiɛsa; wɔde dua na na ayɛ ne ntwea so, ne nnyinaso ne nʼafaafa no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me se, "Saa ɔpon yi na esi Awurade anim." 23 Mfikyiri kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apon a ɛyɛ afaanu. 24 Ɔpon biara mmuei abien a biara mpontare. 25 Na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse apon no ho te sɛnea wɔayɛ afasu no ho no, na wɔabɔ dua nkataso asensɛn ntwironoo no anim. 26 Na mfɛnsere hiahiaa wowɔ ntwironoo no afasu no afaafa a na wɔasen mmedua atetare ɔfa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkataso.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também