Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 29

Nkɔmhyɛ A Etia Misraim

1 Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 "Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. 3 Kasa kyerɛ no na ka se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se.

" Me ne wo anya, Misraimhene Farao

asuboa kɛse a woda wo nsuwansuwa mu.’ "

Woka se, "Nil mede;

meyɛ maa me ho."

4 Na mede nnarewa besuso wʼabogye mu

na mama mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no

atetare wʼabon ho.

Mɛtwe wo afi wo nsuwansuwa no mu,

a mpataa no nyinaa tetare wo ho.

5 Megyaw wo sare no so,

wo ne mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no nyinaa.

Mobɛhwe ase asase petee mu

a wɔremma mo so bio.

Mede wo bɛma asase so mmoa

ne wim nnomaa wɔn aduan.

6 Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu mene Awurade no.

" Woayɛ demmire pema ama Israelfi. 7 Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ.

8 " Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. 9 Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu mene Awurade.

" Efisɛ wokae se, "Nil me de; me na meyɛe," enti 10 me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so. 11 Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan. 12 Mɛma Misraim asase no ada mpan nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete amanaman mu, na mahwete wɔn nsase so.

13 " Nanso sɛɛ ne nea Otumfo Awurade se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so. 14 Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi. 15 Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so. 16 Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu mene Otumfo Awurade no.’ "

17 Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 18 "Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu. 19 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo. 20 Mede Misraim ama no nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo maa me, Otumfo Awurade asɛm ni.

21 "Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔn mu. Afei wobehu mene Awurade no."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também