Não temas
'Não temas' é uma das frases mais repetidas na Bíblia. Deus a pronuncia nos momentos de maior temor, lembrando que sua presença e poder são maiores que qualquer ameaça.
Deus está contigo
Não temas, porque eu sou contigo. Deus repete essa promessa em cada crise, guerra e desafio que seus filhos enfrentam.
Enti nsuro, na mene wo wɔ hɔ;
mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn.
Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;
mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.
Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,
nea okura wo nsa nifa mu
na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro;
mɛboa wo.
Nsuro, osunson Yakob,
Israel a wusua,
na me ankasa mɛboa wo," Awurade na ose,
wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no.
Wo a wode asɛm pa reba Sion,
foro kɔ bepɔw tenten bi so.
Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,
ma wo nne so na teɛ mu,
ma so, nsuro;
ka kyerɛ Yuda nkurow se,
"Mo Nyankopɔn ni!"
Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."
Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso."
Onyankopɔn Ne Abram Apam
Eyinom akyi no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu mu se,
"Abram, nsuro.
Meyɛ wo nkatabo.
Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo."
Coragem diante do perigo
Não tenhas medo — o Senhor teu Deus está no meio de ti, poderoso para salvar. Ele luta por nós e dá forças aos medrosos.
Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se,
"Nsuro, Sion!
Mma wo nsa mu ngow.
Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ,
Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo.
Nʼani begye wo ho
ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio,
ɔde nnwonto bedi wo ho anigye."
Elisa ka kyerɛɛ no se, "Nsuro na yɛwɔ dɔm sen wɔn."
Afei, Elisa bɔɔ mpae se, "Awurade, bue nʼani na ma onhu ade," Awurade buee ne somfo ani, na ɔmaa nʼani so no, ohuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔw no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.
Munnsuro, me nkurɔfo!
Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho.
Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.
Awurade ka kyerɛɛ me se, "Nka se ‘meyɛ abofra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo," nea Awurade se ni.
Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu se, "Nsuro! Mpa abaw! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, efisɛ meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, efisɛ nnipa pii wɔ kurow yi mu a wɔyɛ mʼakyidifo."
Na wo, onipa ba, nsuro wɔn anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwɔ mu sɛ nsasono ne nsɔe atwa wo ho ahyia na wote nkekantwɛre mu de, nanso nsuro nea wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. Wɔyɛ atuatewfo ankasa nanso sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo, ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn.
Fé que vence o medo
O medo não vem de Deus. Jesus disse: não temas, crê somente! A fé dissipa o medo e nos conecta ao poder de Deus.
Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, "Nsuro, gye di ara."
Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.
Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.
Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae se, "Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria sɛ wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron.
Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, "Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo.
Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, "Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me."