Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 5

Asuafo A Wodi Kan No Frɛ

1 Da bi a Yesu reka asɛmpa Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. 2 Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau mu no agyaw ɔtare no ho. 3 Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi akasa akyerɛ nnipa no.

4 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, "Hare baabi a emu kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree."

5 Simon kae se, "Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no."

6 Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. 7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.

8 Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, "Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ wobɛn me." 9 Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa. 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa.

Yesu ka kyerɛɛ Petro se, "Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo." 11 Wɔde akorow no beduu asu no ano no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa bedii nʼakyi.

Ɔkwatani Bi Ayaresa

12 Da bi a Yesu kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no , "Owura, mesrɛ wo, ɛyɛ wo a, sa me yare."

13 Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, "Yiw, ɛyɛ me . Wo ho mfi." Amono mu ara, ne ho fii.

14 Yesu hyɛɛ no se, "Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na afɔre a Mose hyɛɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ adansedi no."

15 Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛw mpɔtam nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛɛ ɔsa wɔn yare nso. 16 Nanso na ɔtaa twe ne ho sare so kɔbɔ mpae.

Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare

17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18 Mmarima bi baa a wɔso obubuafo bi. 19 Esiane na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.

20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, "Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo."

21 Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?"

22 Esiane Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, "Adɛn nti na modwene asɛm a mekae yi abususɛm?" 23 Yesu bisaa wɔn se, "Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew? 24 Na ɛbɛyɛ na mubehu Onipa Ba no tumi ɔde bɔne kyɛ asase so nti." Mereka akyerɛ wo se, "Sɔre yi wo kɛtɛ na fie!" 25 Amono mu ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 26 Wɔn a wogyina no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, "Nnɛ de, yɛahu anwonwade."

Yesu Frɛ Lewi

27 Eyi akyi no, Yesu fii kohuu ɔtowgyeni Lewi ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, "Bedi mʼakyi." 28 Lewi sɔre gyaw ne nneɛma nyinaa dii nʼakyi.

29 Akyiri no, Lewi too pon ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase. 30 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, "Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?"

31 Yesu buaa wɔn se, "Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. 32 Mamma merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo wɔnsakra wɔn adwene."

Mmuadadi Ho Asɛmmisa

33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, "Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?"

34 Yesu nso bisaa wɔn se, "Ɛho hia wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, bere a ayeforokunu no wɔn nkyɛn ana? 35 Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa bere no na wobedi mmuada."

36 Yesu buu wɔn yi se, "Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Na ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam. 37 Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe. 38 Eyi nti, nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ wɔde nsa foforo gu. 39 Obi nnom nsa dedaw nwie mmisa nsa foforo ase. Nea ɔnom no ka se, dedaw no na eye.’ "

Veja também