Pular para o conteúdo
Publicidade

A paixão de Cristo

Por Bíblia Online

A paixão de Cristo é o ato de amor supremo da história. Jesus sofreu voluntariamente a cruz, carregando os pecados da humanidade para nos dar vida eterna.

O caminho da cruz

Jesus sabia o que o aguardava. Mesmo em agonia, submeteu-se à vontade do Pai e caminhou resolutamente para o Calvário.

Yesu Hyɛ Ne Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔm

Efi saa bere no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ ɔkɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amane a obehu Yudafo mpanyin, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne akyerɛkyerɛfo no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyan no mu pefee kyerɛɛ nʼasuafo no.

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Awerɛhow ahyɛ me kra so de owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn."

Ɔbrɛɛ ne ho ase,

yɛɛ osetie

de koduu owu mu,

asennua ho wu mu mpo.

Esiane mma no ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden. Na ɔnam so agye wɔn a esiane wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔn asetena nyinaa mu no.

O sacrifício voluntário

Ninguém tirou a vida de Jesus — Ele a deu voluntariamente. Ele veio para servir e dar a sua vida em resgate por muitos.

Agya no me efisɛ masiesie me ho mede me nkwa bɛto sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me mu na mede bɛma. Mewɔ tumi mede ma na mewɔ tumi nso mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me menyɛ no."

Onipa Ba no amma wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too mpata maa nnipa nyinaa."

Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi.

Nanso Onyankopɔn da ne adi eyi mu , bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.

Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ Kristo no ankasa huu amane maa mo, de saa nhwɛso no gyaw mo, sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi.

"Kristo anyɛ bɔne.

Obiara ante atosɛm biara amfi nʼano."

Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otemmufo pa no mu. "Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne" ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase trenee mu. "Nʼakuru mu na moanya ayaresa.

Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,

Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw.

Te obi a nnipa de wɔn anim hintaw no

wobuu no animtiaa na yɛammu no.

Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ,

na ɔsoaa yɛn awerɛhow,

nanso yebuu no Onyankopɔn na watwe nʼaso.

Yebuu no , Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.

Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,

yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;

asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,

na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.

Seja o primeiro