Pular para o conteúdo
Publicidade

Raiva

Por Bíblia Online

A raiva é uma emoção humana que a Bíblia trata com seriedade. Irar-se não é pecado em si, mas a ira descontrolada destrói relacionamentos e abre porta para o mal.

Controlar a ira

A Bíblia nos exorta a ser tardios para irar-se. A resposta branda desvia o furor, e o que se controla é mais forte que um guerreiro.

Otie Ne Ɔyɛ

Me nuanom adɔfo, monhyɛ eyinom nsow: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuw;

Mmuae pa sianka abufuwhyew,

nanso asɛm a ano den hwanyan abufuw mu.

Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre ntease a mu ,

na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi,

nanso onyansafo hyɛ ne ho so.

Nkwaseafo bo nkyɛ fuw,

nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.

Irar-se sem pecar

Paulo ensina: irai-vos, mas não pequeis. Não deixe o sol se pôr sobre a vossa ira, para não dar lugar ao diabo.

mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so. Mma ɔbonsam kwan.

Ɛyɛ onipa anuonyam ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifo biara ntɔkwaw.

Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba,

na wohu nyansa wɔn a wotie afotu mu.

Amor e perdão acima da raiva

O amor cobre multidão de pecados. A Bíblia nos chama a não alimentar rancor, mas a perdoar e amar, vencendo a raiva com compaixão.

Ɔtan kanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.

Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu.

" Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. woyɛ saa a, wo nso wudi ho saa ara.

" Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, wo yɔnko wo ho, na mene Awurade.

Ɔtoaa so se, "Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi. Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi, ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."

Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho.

"ɔbarima gyaa ne yere

na ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a,

ɛsɛ ɔbarima no san ɔbea no nkyɛn ana?

Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana?

Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman,

na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?"

Awurade na ose.

"Ma wʼani so hwɛ nkoko no so.

Baabi a wɔntoo wo mmonnaa da ana?

Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo,

wotenaa mmoahwɛfo a wodi atutena nweatam so.

Woagu asase no ho fi,

wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.

Enti wɔatwe obosu asan,

na asusowbere su antɔ.

Nanso wʼanim ayɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee;

wʼani nwu hwee.

Nnansa yi ara, woamfrɛ me se:

Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,

wo bo befuw biribiara ana?

Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?

Sɛɛ na wokasa,

nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi."

Israel A Onni Nokware

Ɔhene Yosia adedi bere so no, Awurade ka kyerɛɛ me se, "Woahu nea Israel a onni nokware no ayɛ? Wakɔ nkoko nyinaa so ne dua a adennan biara ase akɔsɛe aware . Misusuwii anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui. Memaa Israel a onni nokware no awaregyae nhoma na mepam no esiane nʼawaresɛe abrabɔ nti. Nanso mihuu ne nuabea Yuda a onni nokware no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ aguaman bra. Esiane Israel aguamammɔ anyɛ no asɛnhia nti, ɔde fi kaa asase no na ɔne abo ne nnua bɔɔ aguaman. Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ," sɛnea Awurade se ni.

Awurade ka kyerɛɛ me se, "Israel a onni nokware no teɛ sen Yuda okontomponi no. , fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:

" San wʼakyi, Israel a onni nokware,Sɛɛ na Awurade se,

Meremmuna nkyerɛ wo bio,

efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,sɛɛ na Awurade se,

Me bo remfuw afebɔɔ.

Gye wo afɔdi to mu,

woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua,

woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame

dua biara a adennan ase,

na woanyɛ osetie amma me,’ "

sɛnea Awurade se ni.

"Monsan mo akyi, mo akyirisanfo," sɛnea Awurade se ni, "efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion. Afei mɛma mo nguanhwɛfo a wɔda me koma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne ntease bɛkyerɛ mo ɔkwan. Saa nna no mu, mo dɔɔso bebree asase no so a," Awurade na ose, "nnipa renka bio se, Awurade apam adaka no.Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso. Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio. Saa nna no mu, Yuda fi bɛka Israelfi ho, na wɔabɔ mu afi atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom agyapade no so.

"Mʼankasa mekae se,

Anka ɛbɛyɛ me anigye mɛyɛ mo mma

na mama mo asase a eye,

agyapade a edi mu ma ɔman biara.

Misusuwii mobɛfrɛ me Agya

na monnan mo ho mfi mʼakyi.

Nanso te ɔbea a onni ne kunu nokware no,

saa ara na moanni me nokware, Israelfi,"

sɛnea Awurade se ni.

Wɔte osu bi nkoko no so,

ɛyɛ Israelfo agyaadwotwa ne nkotosrɛ,

efisɛ wɔakyeakyea wɔn akwan

na wɔn werɛ afi Awurade, wɔn Nyankopɔn.

"Monsan mmra, ɔyera mma;

mɛsa mo akyirisan yare no."

"Yiw, yɛbɛba wo nkyɛn,

efisɛ wo ne Awurade, yɛn Nyankopɔn no.

Ampa, ahoni huuyɛ nkoko

ne mmepɔw so no nnaadaa;

nokware Awurade yɛn Nyankopɔn mu

na Israel nkwagye .

Efi yɛn mmofraase, anyame huhuw adi

yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,

wɔn nguankuw ne anantwi,

wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.

Momma yɛmfa yɛn aniwu nneda fam

na yɛn ahohora nkata yɛn so.

Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn,

yɛn ne yɛn agyanom;

efi yɛn mmofraase besi nnɛ

yɛanyɛ osetie amma Awurade, yɛn Nyankopɔn no."

Luciano Januzelli
1 pessoa deu Amém