Pular para o conteúdo
Publicidade

Reino

Por Bíblia Online

O Reino de Deus é o tema central da pregação de Jesus. Desde o início de seu ministério, Ele proclamou: 'Arrependei-vos, porque é chegado o Reino dos céus.'

O anúncio do Reino

Jesus inaugurou seu ministério proclamando a chegada do Reino. Ele convida todos ao arrependimento e à fé nessa nova realidade.

Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, "Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn."

Ɔkae se, "Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!"

Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.

Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no reba

anammɔn si mmepɔw no so,

wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,

wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ,

wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛm

na wɔka kyerɛ Sion se,

"Mo Nyankopɔn di hene."

A natureza do Reino

O Reino de Deus é governo soberano do Senhor sobre todas as coisas. Ele é o Rei eterno, imortal e invisível.

Anuonyam ne nidi nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.

Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam,

nkonimdi ne tumi wo de, Awurade.

Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so wo de,

Awurade, na ahenni yi nso wo de.

Yɛma wo so wone ade nyinaa so tumfo.

Hena ne saa anuonyam Hene yi?

Asafo Awurade no,

ɔno ne anuonyam Hene no.

Na Awurade ne yɛn temmufo,

Awurade ne yɛn mmarahyɛfo,

Awurade ne yɛn hene;

na ɔno na obegye yɛn nkwa.

Awurade bedi hene asase nyinaa so. Saa da no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako .

Entrar no Reino

Para entrar no Reino é preciso nascer de novo, tornar-se como criança e buscar primeiro a justiça de Deus acima de tudo.

Yesu buaa no se, "Merema woate ase , wɔanwo wo foforo a worentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu."

Yesu nso buaa no se, "Mereka nokware akyerɛ wo se wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.

Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho.

Yesu kae se, "Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no wɔn dea."

Nhyira ne wɔn a esiane wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahenni no wɔn dea.

Mede Ɔsoro Ahenni no safe bɛma wo, na ɔpon biara a wobɛto mu asase so no, wɔbɛto mu ɔsoro; na ɔpon biara a wubebue asase so no, wobebue ɔsoro!"

Cidadãos do Reino

Os cristãos são concidadãos dos santos e membros da família de Deus, chamados a viver dignamente do Reino que receberam.

Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu, na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa ne tweatibo no so.

"Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo Agya no ɔde ahenni no bɛma mo.

Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.

Mo ara munim ɔdebɔneyɛni no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da, anaa adifudepɛfo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara Onyankopɔn ahenni no mu.

Seja o primeiro