Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 6

Nsamena Wo Nua

1 akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn nti na mokɔ abosonsomfo atemmufo anim ma wobu mo atɛn, na monkɔ Awurade nkurɔfo mmom? 2 Munnim atreneefo na wobebu wiase atɛn? Na ɛsɛ mo na mubu wiase atɛn a, muntumi mmu atɛn nsɛm nketenkete ho? 3 Munnim yebebu abɔfo atɛn? Mpɛn ahe na yemmu asetena mu nneɛma ho atɛn? 4 Na nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wonni dibea asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? 5 Ɛyɛ animguase ma no! Minim yiye ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafo baako bi mo mu a obetumi adi onua ne onua ntam asɛm. 6 Eye wɔfa saa ɔkwan yi so anaasɛ onua de onua bɛkɔ asennii ama wɔn a wonni gyidi adi abua wɔn asɛm?

7 mutumi de mo ho mo ho asennii no kyerɛ moadi nkogu dedaw. Anka eye obi besisi mo anaasɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. 8 Nanso mo ara mutwa mo ho mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. 9 Mo ara munim ɔdebɔneyɛni no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da, 10 anaa adifudepɛfo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara Onyankopɔn ahenni no mu. 11 Na anka mo mu bi te saa. Nanso wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu nti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.

12 Obi se, "Mewɔ ho kwan meyɛ nea mepɛ." Ɛwɔ mu saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, "Mewɔ ho kwan meyɛ biribiara." Nanso meremma biribiara ho kwan mma ɛmfa me nyɛ akoa. 13 Obi foforo nso bɛka se, "Aduan ma ɔyafunu na ɔyafunu nso ma aduan." Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no Onyankopɔn dea. 14 Onyankopɔn maa Awurade sɔre fii awufo mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afi awufo mu. 15 Munnim mo nipadua no Kristo nipadua no akwaa bi ana? Memfa Kristo nipadua akwaa bi mmɔ obi a ɔbɔ aguaman nipadua ho ana? Dabi da. 16 Anaa ebia na munnim onipa a ɔde ne ho nguamanfo ho nso oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi , "Wɔn baanu no nyinaa nipadua koro." 17 Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no baako honhom mu.

18 Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua. 19 Munnim mo nipadua no Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; 20 ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo nipadua no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

Veja também