Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Korintofo 8

Nnuan A Wɔde Ma Ahoni

1 Asɛm a ɛfa nnuan a wɔde ma ahoni ho nso ni: Yenim , "Yɛn nyinaa nimdeɛ." Nanso saa nimdeɛ no ma onipa ahantan na ɔdɔ ma nkɔso. 2 Onipa a ogye ne ho di onim biribi no nnim sɛnea anka ɛsɛ ohu. 3 Nanso onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.

4 Enti nnuan a wɔde ma ahoni wonni no, yenim ohoni ma biribi a ɛnte ase. Yenim Onyankopɔn baako na ɔwɔ . 5 Nneɛma bebree ɔsoro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom. 6 Yɛwɔ Onyame baako a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ ade nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ ade nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.

7 Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi , wodi saa nnuan no a wonim pefee ohoni aduan na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw nti, wogye di nso aduan no gu wɔn ho fi. 8 Ɛnyɛ aduan a yɛadi no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. yɛanni saa aduan no a, yɛntɔ sin, na yedi nso a, yɛmmoro so.

9 Monhwɛ yiye na moamma mo ahofadi no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛw gyidi mu no ankɔ bɔne mu. 10 ɛba obi a nʼahonim mmerɛw saa asɛm yi mu hu wo a wowɔ "nimdeɛ" redidi ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkodi aduan a wɔde ama ahoni no bi ana? 11 Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo "nimdeɛ" nti ɔbɛyera? 12 Na ɛnam saa ɔkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, efisɛ wonam wɔn adwene mu mmerɛwyɛ so adaadaa wɔn. 13 Enti nea midi de me nua bɔne mu a, merenwe nam bio sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também