Pular para o conteúdo
Publicidade

Ressurreição

Por Bíblia Online

A ressurreição é o pilar da fé cristã. Se Cristo não ressuscitou, é vã a nossa fé. Mas Ele venceu a morte, e essa é a garantia da nossa própria ressurreição.

Cristo ressuscitou

O túmulo está vazio! Os anjos declararam: 'Ele não está aqui; ressuscitou!' A ressurreição de Cristo é o fato mais transformador da história.

Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, "Munnsuro! Minim morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, nanso onni ha. Wasɔre sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda no.

Nanso aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no na morehwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no too !

Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, Etwa wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?"

Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii. Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase.

Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se wosiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no,

Ressurreição e vida eterna

Jesus disse: 'Eu sou a ressurreição e a vida.' Quem crê nele viverá, mesmo que morra. A morte foi derrotada na cruz e no túmulo vazio.

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?"

Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba.

Yegye di Yesu wui, na ɔsɔree bio. Enti Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wonyaa ne mu gyidi ansa na wɔrewu no bɛka ne ho aba.

Afei a yɛahu onipa baako na owu maa nnipa nyinaa wuu bi no nti, Kristo a ɔde yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Eyi kyerɛ nnipa nyinaa ne wu no mu kyɛfa bi. Owu maa yɛn nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no.

Na yɛne no ayɛ koro ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. Yenim wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio,

Nossa esperança futura

A ressurreição de Cristo garante nossa esperança viva. O Deus de paz trouxe dos mortos o grande Pastor das ovelhas para nossa salvação.

Anidaso

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim,

na saa nsu yi asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa.

Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn, na ɛnam ne wu no so nti wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn. Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛde, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

Nea merehwehwɛ ara ne , mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu osuahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ ɔno ne wu no mu;

Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.

Na mihuu awufo akɛse ne nketewa wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw nhoma ahorow no mu no. Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.

Nanso besi nnɛ yi Onyankopɔn abɔ me ho ban nti na migyina ha redi adanse akyerɛ obiara yi. Asɛm koro a Mose ne adiyifo no kae se ɛsɛ Agyenkwa no hu amane na wadi awufo sɔre mu kan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafo ne amanamanmufo."

Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, "Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ. Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu."

Seja o primeiro