Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 26

Paulo Yi Ne Ho Ano

1 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo se, "Afei mema wo ho kwan wuyi wo ho ano."

Paulo maa ne nsa so kasae se, 2 "Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye nnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano asɛm a Yudafo aka atia me no ho. 3 Nea ɛma meka saa ne , wunim Yudafo mmara ne wɔn amanne nyinaa fekɔɔ. Enti mesrɛ wo, wo bo ase tie me.

4 "Yudafo no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa fi me mmofraase. Wonim mʼasetena mu nsɛm me kurom ne Yerusalem nso. 5 wɔbɛka nokware a, wonim meyɛ Farisini a midi Yudafo mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ. 6 Na afei esiane a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nenanom no nti na migyina ha nnɛ na wɔrebu me atɛn yi. 7 Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuw dumien hwɛ kwan ɛbɛba mu no nti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo asɔre atia me yi. 8 Adɛn nti na mo Yudafo nnye nni Onyankopɔn nyan awufo?

9 "Mmere bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne mɛyɛ biribiara a metumi de atia Yesu a ofi Nasaret no din. 10 Saa ara na meyɛɛ Yerusalem. Migyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifo guu afiase; na wobu wɔn kumfɔ a, midi mu akoten. 11 Mema wɔtwee wɔn aso mmere pii hyiadan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpa wɔn gyidi. Mʼani beree wɔn so yiye ma metaa wɔn koduu aman afoforo so."

Paulo Ka Nʼadwensakra Ho Asɛm

12 "Saa ɔtaa yi nti na mikogyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn mede rekɔ Damasko no. 13 Daasebrɛ, da bi owigyinae a merekɔ Damasko no hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn fii ɔsoro betwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiae. 14 Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi Arameike kasa mu se, Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me? Nea woyɛ yi nyinaa wode rehaw wo ho sɛnea nantwi tu ne nan ɔkafo pema ano.

15 "Mibisae se, Ɛyɛ wo hena, Awurade?

"Awurade buae se, Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. 16 Sɔre gyina . Nnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me somfo na woadi adanse nea woahu afa me ho yi ne nea mɛkyerɛ wo nyinaa ho. 17 Megye wo afi Israelfo ne amanamanmufo a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam. 18 Wubebue wɔn ani na woatwe wɔn afi sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afi ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidi a wɔwɔ me mu no so anya bɔnefakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.

19 "Ɛno nti Ɔhene Agripa, meyɛɛ osetie maa nne a efi ɔsoro no. 20 Mifii ase kaa asɛmpa no Damasko ne Yerusalem ne Yudeafo aman nyinaa so ne amanamanmufo mu , ɛsɛ wɔsakra wɔn adwene na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn na wɔmma wɔn nneyɛe nkyerɛ wɔasakra. 21 Saa asɛm yi ara nti na na mewɔ asɔredan mu resom a Yudafo no bɛkyeree me wɔrekokum me no. 22 Nanso besi nnɛ yi Onyankopɔn abɔ me ho ban nti na migyina ha redi adanse akyerɛ obiara yi. Asɛm koro a Mose ne adiyifo no kae se 23 ɛsɛ Agyenkwa no hu amane na wadi awufo sɔre mu kan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafo ne amanamanmufo."

Festo Bu Paulo Ɔbɔdamfo

24 Paulo gu so rekasa no, Festo twaa nʼano se, "Paulo, woabɔ dam! Wo nhomanim bebrebe no abɔ wo dam."

25 Nanso Paulo buae se, "Daasebrɛ, memmɔɔ dam ɛ. Nsɛm a mereka no nokware a aba mu. 26 Ɔhene Agripa, esiane wunim saa nsɛm yi nyinaa nti, metumi agyina wʼanim de akokoduru akasa. Migye di biribiara a esii no wunim, efisɛ emu biara nni a ɛyɛ kokoamsɛm. 27 Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di ana? Minim wugye wɔn di."

28 Agripa bisaa Paulo se, "Wugye di wubetumi adan mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa bere tiaa yi mu ana?"

29 Paulo buae se, "nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaebɔ ara ne , Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa asakra abɛyɛ me, gye nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu me yi nko ara."

30 Afei ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia no nyinaa sɔree. 31 Wɔrekɔ no wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, "Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ wogyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase."

32 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, "onipa yi nguan ntoaa Kaesare a anka yebetumi agyaa no."

Veja também