Pular para o conteúdo
Publicidade

Seguir a Jesus

Por Bíblia Online

Seguir a Jesus é o convite mais transformador da Bíblia. Jesus chamou pescadores, cobradores de impostos e pessoas comuns para deixar tudo e segui-lo. Esse chamado continua vivo hoje.

O chamado de Jesus

Jesus disse: 'Segue-me'. Esse convite simples e poderoso mudou a vida de pescadores, publicanos e pessoas comuns ao longo da história.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mommɛdi mʼakyi na mɛkyerɛ mo ɛkwan a wɔfa so yi nnipa kra." Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu bɛdii nʼakyi ne no kɔeɛ.

Yesu Frɛ Mateo

Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no , "Bɛdi mʼakyi." Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.

Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael

Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no , "Di mʼakyi."

Kristo Akyiridie Mu Brɛ

Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi."

Yesu buaa no , "Sakraman abɔn, ewiem nnomaa nso mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!"

Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso , "Bɛdi mʼakyiri."

Nanso, ɔbarima no kaa , "Awurade, ma me ɛkwan na menkɔsie mʼagya ansa."

Yesu ka kyerɛɛ no , "Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa."

Na ɔfoforɔ nso kaa , "Awurade, mɛdi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafoɔ nkɔdi nkra ansa."

Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no , "Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta dwumadie bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahennie no."

O custo do discipulado

Seguir a Jesus exige renúncia. É preciso tomar a cruz diariamente, deixar tudo para trás e amar a Cristo acima de qualquer outro vínculo.

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "obi ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi.

"obi ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

Yesu Akyiridie Mu Akatua

Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa , "Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi."

Yesu nso buaa no , "Merema mo ate aseɛ , obi nni a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan."

Caminhar com Cristo

Quem segue a Jesus não anda em trevas, mas tem a luz da vida. Ele nos convida a crescer nele e a servir como Ele serviu.

Yesu, Ewiase Hann

Yesu sane toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no , "Mene ewiase hann no. Obiara a ɔdi mʼakyi no rennante sum mu da, na ɔbɛnya hann a ɛkyerɛ nnipa ɛkwan ma wɔkɔ nkwa mu."

Obiara a ɔpɛ ɔsom me no, ɛsɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ mʼasomfoɔ nso bi."

Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri , Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi.

"Kristo anyɛ bɔne.

Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano."

Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufoɔ pa no mu.

Mmom, yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu.

Me mmara ne mʼahyɛdeɛ ara so na ɛsɛ modi; na ɛsɛ modi so pɛpɛɛpɛ, ɛfiri , mene Awurade mo Onyankopɔn.

Seja o primeiro