Temor dos homens
O temor dos homens é uma armadilha que paralisa a fé. A Bíblia nos convida a trocar o medo humano pela confiança em Deus, que é nosso refúgio e escudo.
Não temas os homens
Deus é a nossa luz e salvação — de quem teremos medo? A Escritura nos encoraja a não temer aqueles que podem destruir o corpo, mas não a alma.
Awurade ne me hann ne me nkwagye;
hena na minsuro no?
Awurade ne me nkwa ahoɔden,
na hena anim na me ho mpopo?
Sɛ nnipa bɔne bɔ toa me
pɛ sɛ wokum me,
sɛ mʼatamfo tow hyɛ me so a,
wobehintihintiw ahwehwe ase.
Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,
me koma rentu;
mpo sɛ wotu me so sa a,
ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu.
Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.
Onipa A Munsuro No
"Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo se, munnsuro wɔn a wokum nipadua na ɛno akyi wontumi nyɛ hwee bio no. Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no.
Confiança em Deus acima do medo
Quando tememos a Deus, o medo dos homens perde o poder. O Senhor está conosco, e se Ele é por nós, quem será contra nós?
Sɛ mebɔ hu a,
mede me ho bɛto wo so.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.
Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
Awurade ne me boafo; enti merensuro.
Dɛn na onipa betumi ayɛ me?
Momma yensi yɛn bo nka se,
"Awurade ne me boafo, enti merensuro.
Dɛn na onipa betumi ayɛ me?"
Nsuro wɔn, na Awurade, wo Nyankopɔn, bɛko ama wo."
Na wo, onipa ba, nsuro wɔn anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwɔ mu sɛ nsasono ne nsɔe atwa wo ho ahyia na wote nkekantwɛre mu de, nanso nsuro nea wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo.