Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 56

Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no Gat no.

1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so;

da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.

2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;

wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.

3 mebɔ hu a,

mede me ho bɛto wo so.

4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.

Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?

5 Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne;

bere biara wɔbɔ pɔw wɔbɛsɛe me.

6 Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw,

wɔhwɛ mʼanammɔntu,

susuw wobekum me.

7 Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni;

Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wʼabufuw mu.

8 Kyerɛw me kwadwom to ;

sese me nusu wo nhoma mmobɔwee no mu.

Enni nea woakyerɛw ato no mu ana?

9 mepɛ mmoa fi wo a,

mʼatamfo bɛsan wɔn akyi.

Eyi bɛma mahu Onyankopɔn mʼafa.

10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

Awurade a mekamfo nʼasɛm no,

11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.

Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?

12 Me Onyankopɔn, mehyɛ a mahyɛ wo no ase,

mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.

13 Efisɛ, woagye me afi owu mu,

na mʼanan anhintiw,

na matumi anantew Onyankopɔn anim

nkwa hann no mu.

Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto "Mma Wɔnnsɛe No" nne so.

Veja também