Sobre ter filhos
Filhos são uma dádiva do Senhor, uma herança que Deus confia aos pais. A Bíblia celebra a maternidade e a paternidade como vocações sagradas e fontes de bênção.
Filhos: herança do Senhor
A Escritura declara que os filhos são bênção de Deus. Cada criança é um presente precioso confiado aos pais para ser cuidado com amor.
Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.
Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotokuo ayɛ ma.
Wɔn anim rengu ase
ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.
Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba
wɔ wo fie;
na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri
atwa wo ɛpono ho ahyia.
Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie
sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ.
Monkamfo Awurade.
Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa wɔ mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so."
Instruir nos caminhos de Deus
A Bíblia orienta os pais a instruir seus filhos nos caminhos do Senhor desde cedo, com dedicação, disciplina e exemplo.
Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,
na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.
Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire. Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
Agyanom, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu.
Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ;
ɔbɛma wo ɔkra ani agye.
Cada vida é preciosa
Deus conhece e forma cada criança no ventre. Antes de nascer, Ele já nos separou e preparou um propósito para cada vida.
"Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo;
ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn;
meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no."
Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.
Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.
Wo nnwuma yɛ nwanwa.
Menim ɛno yie pa ara.
Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo
ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;
ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,
mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano
kamfo wo, wʼatamfoɔ nti;
na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.
Yesu kaa sɛ, "Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea."