Pular para o conteúdo
Publicidade

Trabalhar para Deus

Por Bíblia Online

Trabalhar para Deus vai além do ofício secular. É dedicar a vida inteira — palavras, ações e atitudes — ao serviço do Reino, reconhecendo que cada tarefa pode glorificar o Senhor.

Servindo ao Senhor em tudo

Quando trabalhamos como para Deus, cada ação se torna um ato de adoração. Não importa a tarefa — o que importa é o coração dedicado.

Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. Monkae Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no.

mmɔden wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

Munntie asɛm no atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo.

Momma ɛnyɛ mo botae mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhama sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no. moyɛ saa a ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn.

Chamados para as boas obras

Fomos criados em Cristo Jesus para boas obras, que Deus preparou de antemão para que andássemos nelas. Não somos salvos por obras, mas para obras.

Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛnea yɛte yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato no.

nim ansa na obi bedi bem Onyankopɔn anim no, na gye wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ ɔbɛyɛ nea mmara no hwehwɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea yɛnam so bedi bem Onyankopɔn anim; efisɛ ɛnam gyidi so na wobebu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛde a yɛyɛ no so.

Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata wudi.

Nkwagye Ho Adwumayɛ

Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.

Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma no. Ɛsɛ mohyerɛn wɔn mu nsoromma a ɛwɔ soro nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa.

A missão do cristão

O chamado a trabalhar para Deus inclui a Grande Comissão: fazer discípulos de todas as nações, cooperando com Ele na expansão do Reino.

Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,

Na obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no .

Yɛn de, yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.

Efisɛ ɛsɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase nipadua no abrabɔ mu no, ɛyɛ papa anaa bɔne no, wobegyina so abu no atɛn.

Seja o primeiro