Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 3

Onyankopɔn Asomfo

1 Nokware, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ mekasa kyerɛ mo wiasefo a wɔte mmofra a wɔwɔ Kristo mu gyidi. 2 Memaa mo nufusu. Mamma mo aduan a ɛyɛ den, efisɛ na enye mma mo. Na mprempren ara mpo enye mma mo, 3 efisɛ moda so te wiasefo. anibere mo mu na mutwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, so ɛnna no adi moyɛ wiasefo a mote ma wiase? 4 obi ka se, "Me de, midi Paulo akyi" na ɔfoforo nso ka se, "Me nso mewɔ Apolo afa" a, ɛnkyerɛ moyɛ wiasefo ana?

5 Mibisa se Apolo hena? Na Paulo nso hena? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo kwa a ɛnam yɛn so na munya gyidi. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara yɛnyɛ no na yɛyɛ. 6 Miduaa aba no na Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifide no nyinii. 7 Obi a oduae ne obi a oguguu so nsu no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, efisɛ ɔno na ɔmaa afifide no nyinii. 8 Nsonoe biara nni onipa a odua ne nea ogugu so nsu no ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara dii so na wama wɔn so ade. 9 Yɛn de, yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.

10 Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so yɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem na onipa foforo nso resi atoa so. Nanso ɛsɛ wɔn mu biara fa ɔkwan pa so si. 11 Efisɛ Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɔdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforo biara bio. 12 Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden abo na ebesi wɔn dan fapem no so; afoforo nso de nnua anaa sare anaa baamu. 13 Obiara dwuma a odii no bɛda adi da no; da no gya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahu dwuma ko no ye a eye. 14 nea onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ebenya akatua. 15 Na obi adwuma hyew ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno de, obenya nkwa obi a waguan afi gyaframa mu.

16 Munnim moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu ana? 17 Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ Onyankopɔn asɔredan kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.

18 Ɛnsɛ obiara daadaa ne ho. obi a ɔka mo ho fa ne ho ɔyɛ wiase yi mu onyansafo a, ɛsɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafo. 19 Efisɛ nea wiase bu no nyansa no asɛm a aba nni mu Onyankopɔn ani so. Kyerɛwsɛm no ka se, "Ɔkyere anyansafo wɔn anitew mu." 20 Bio, Kyerɛwsɛm no ka se, "Awurade nim onipa nsusuwii. Onim enkosi hwee." 21 Enti ɛnsɛ obiara de nea onipa tumi hoahoa ne ho na biribiara mo dea. 22 Paulo, Apolo ne Petro, saa wiase yi, nkwa ne owu, nnɛ ne daakye nyinaa mo dea, 23 na moyɛ Kristo dea na Kristo nso Onyankopɔn dea.

Veja também