Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 12

7 Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi akwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa. 8 Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu. 9 Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidi na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. 10 Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwonwade; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforo nso ɔma no tumi ma ɔkyerɛ nsonoe a ɛda akyɛde a efi Honhom Kronkron no ne nea emfi Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforo na ɔma ɔfoforo nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforo no ase. 11 Ɛyɛ Honhom Kronkron koro no ara na ɔyɛ eyinom nyinaa; akyɛde ahorow a ɔpɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.

Veja também