Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 13

1 meka nnipa ne abɔfo kasa foforo na minni ɔdɔ a, na mete ayowa a egyigye anaa akasae a ɛwosow kɛkɛ. 2 mewɔ akyɛde a mitumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; na mewɔ osuahu ne ntease ma mete ahintasɛm nyinaa ase; na mewɔ gyidi a ɛma mitumi tutu mmepɔw, nanso minni ɔdɔ a, menka hwee. 3 mede nea mewɔ nyinaa akyɛ na mpo mitu me nipadua si wɔnhyew, nanso minni ɔdɔ a, minnya hwee.

4 Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. 5 Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. 6 Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. 7 Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.

8 Ɔdɔ daa. Nkɔmhyɛ , nanso ɛnte daa; akyɛde a ɛma wɔka kasa foforo , nanso ɛwɔ nʼawiei; osuahu , nanso ebetwa mu. 9 Nea yenim ne nkɔm a yɛhyɛ no fa ne fa bi; 10 nanso nea ɛyɛ no nya ba a, nea ɛyɛ fa ne fa no begu. 11 Meyɛ abofra no, mekasaa abofra, medwenee abofra, misusuwii abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no. 12 Nea yehu no mprempren no te su bi a ɛyɛ kusuu ahwehwɛ mu. Ɛno akyi na, yebehu no kann. Nea minim mprempren no ɛho fa bi; akyiri no, ebedi mu te Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ me ho no.

13 Na afei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ : gyidi, anidaso, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛse.

Veja também