Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 15

22 Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. 23 Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi. 24 Afei, Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. 25 Efisɛ ɛsɛ Kristo di hene kosi obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase.

Veja também