15 Na sɛ obi adwuma hyew wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno de, obenya nkwa sɛ obi a waguan afi gyaframa mu.
16 Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu ana? 17 Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.