Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Korintofo 6:12-20

12 Obi se, "Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ nea mepɛ." Ɛwɔ mu saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, "Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara." Nanso meremma biribiara ho kwan mma ɛmfa me nyɛ akoa. 13 Obi foforo nso bɛka se, "Aduan wɔ hɔ ma ɔyafunu na ɔyafunu nso wɔ hɔ ma aduan." Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea. 14 Onyankopɔn maa Awurade sɔre fii awufo mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afi awufo mu. 15 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no akwaa bi ana? Memfa Kristo nipadua akwaa bi mmɔ obi a ɔbɔ aguaman nipadua ho ana? Dabi da. 16 Anaa ebia na munnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ nguamanfo ho nso yɛ oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi sɛ, "Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua koro." 17 Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.

18 Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua. 19 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; 20 ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo nipadua no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.