Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Korintofo 7

32 Mempɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; efisɛ ɔbɔ mmɔden Awurade ani bɛsɔ no; 33 nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ ɔsɔ ne yere ani, 34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ ɔsɔ ne kunu ani. 35 Mereka saa asɛm yi, efisɛ mepɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom mepɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também