Pular para o conteúdo
Publicidade

1 João 3

Onyankopɔn Mma

1 Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn. 2 Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim Kristo ba a, yɛbɛyɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte. 3 Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi Kristo mu no ne ho kronkron sɛnea Kristo kronkron no.

4 Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, efisɛ bɔne mmara sobu. 5 Munim Kristo bae se ɔrebɛfa nnipa bɔne, efisɛ ɔno de, bɔne nni ne mu. 6 Enti obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so bɔne no nhuu no, na onnim no.

7 Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ nea ɛteɛ no ɔtreneeni sɛnea Kristo ɔtreneeni no. 8 Nea ɔkɔ so bɔne no ɔbonsam de, efisɛ ɔbonsam fi mfiase pɛe, na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi nti na Onyankopɔn Ba no bae. Ɔbaa ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. 9 Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn su ne mu, na esiane Onyankopɔn nʼAgya nti, ontumi nkɔ so nyɛ bɔne. 10 Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne , obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Monnodɔ Mo Ho Mo Ho

11 Nsɛm a motee mfiase no kyerɛ , monnodɔ mo ho. 12 Ɛnsɛ yɛyɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam de. Enti okum nʼankasa ne nua. Adɛn nti na Kain kum no? Efisɛ nneɛma a ɔyɛe no bɔne, nanso ne nua no de, ɔyɛɛ papa. 13 Enti anuanom, wiasefo tan mo a, mommma ɛnyɛ mo nwonwa. 14 Yenim yɛafi owu mu aba nkwa mu. Yenim saa, efisɛ yɛdɔ yɛn nuanom. 15 Obi a ɔtan ne nua no owudifo na munim nso owudifo nni nkwa a enni awiei ne mu.

16 Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. 17 obi ɔdefo na ohu biribi ho hia ne nua na wanhu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn ne koma mu? 18 Me mma, ɛnsɛ yɛn no kasa hunu. Ɛsɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi.

19 Eyi na ɛbɛma yɛahu yɛwɔ nokware no. Eyi na ɛbɛma yɛn koma anya gyidi Onyankopɔn anim. 20 yɛn koma bu yɛn mpo a, yenim Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim biribiara. 21 Enti anuanom adɔfo, yɛn koma ammu yɛn a, yɛwɔ akokoduru Onyankopɔn anim. 22 Biribiara a yebisa no no, yɛn nsa ka, efisɛ yedi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛde nso. 23 Ne mmara no ka se, yennye ne Ba Yesu Kristo no din nni na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho sɛnea Kristo hyɛɛ yɛn no. 24 Obiara a odi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na eyi na ɛma yehu Onyankopɔn te yɛn mu. Yenim no saa esiane Honhom a wama yɛn no nti.

Veja também