Pular para o conteúdo
Publicidade

Filipenses 3

1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne , momma mo ani nnye Awurade mu. Ɛnhaw me meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Ɛma mo akwankyerɛ.

Monhwɛ Atoro Akyerɛkyerɛfo Yiye

2 Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte akraman a wɔka se twa na ɛsɛ onipa twa twetia ansa na wanya nkwagye no yiye. 3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so. 4 obi a osusuw , ɔde ne ho to amanne so na eye a anka ɛyɛ me. 5 Bere a midii nnaawɔtwe na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi mʼawosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronkron no mu. wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini 6 a na me ho pere me mɛtaa Kristo. mmara no sodi nko na ɛma obi ɔtreneeni a, ɛno de, na me so nni mfomso biara.

7 Nanso nneɛma a na mefa no ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere. 8 Ɛnyɛ ɛno nko, na migye di nso biribiara nkyɛn wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo, 9 na mahu me ne no ayɛ baako. Afei meremfa mʼahoɔden mpere mɛyɛ ; pɛyɛ a efi mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem. 10 Nea merehwehwɛ ara ne , mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu osuahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ ɔno ne wu no mu; 11 na mewɔ anidaso , me nso me wu akyi no, wɔbɛma masɔre afi owu mu.

Botae No Ho

12 Ɛnyɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu. 13 Anuanom, memfa no me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ meyɛ ne , ɛsɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. 14 Eyi nti mitu mmirika mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

15 Ɛsɛ yɛn a yenyin Honhom mu no nyinaa dwene saa. mo mu bi nso adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16 Nanso nea yɛn nsa aka dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.

17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo se, nnipa bebree a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui asennua no ho no atamfo. 19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so nneɛma a ɛsɛ wɔn ani wu ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho. 20 Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no. 21 Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no ne de a ɛwɔ anuonyam no.

Veja também

Filipenses
Ver todos os capítulos de Filipenses