Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 9

1 Ao, me ti asuti,

na mʼaniwa nusu abura a!

Mɛtew nusu awia ne anadwo

ama me nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no.

2 Ao, mewɔ akwantufo asoɛe

nweatam no so a

anka megyaw me nkurɔfo

na mafi wɔn nkyɛn;

efisɛ wɔn nyinaa nguaman,

nnipakuw a wonni nokware.

3 "Wosiesie wɔn tɛkrɛma

te agyan de di atoro;

Ɛnyɛ nokware so na wɔnam

di yiye asase yi so.

Wɔyɛ bɔne toatoa so;

na wonnye me nto mu,"

Awurade na ose.

4 "Monhwɛ yiye mo nnamfonom ho;

munnye obiara nni mo abusua mu.

Efisɛ wɔn mu biara ɔdaadaafo,

na adamfo biara ɔsɛefo.

5 Adamfo daadaa adamfo,

na wɔn mu biara nka nokware.

Wɔn tɛkrɛma akokwaw atorodi mu,

wɔde bɔneyɛ haw wɔn ho.

6 Wote nnaadaa mfimfini;

na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ wogye me to mu,"

sɛnea Awurade se ni.

7 Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade se,

"Hwɛ, mɛnan wɔn asɔ wɔn ahwɛ,

na dɛn bio na metumi ayɛ

esiane me nkurɔfo yi bɔne nti?

8 Wɔn tɛkrɛma agyan a ano bɔre;

ɛka nnaadaasɛm.

Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko,

nanso ne koma mu de, osum no afiri.

9 Ɛnsɛ metwe wɔn aso eyi ho?"

Sɛɛ na Awurade se.

"Ɛnsɛ mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?

10 Mesu na metwa adwo ama mmepɔw no,

mɛbɔ abubuw a ɛfa nweatam adidibea ho.

Ayɛ fo na obi mfa bio,

na wɔnte anantwi su .

Wim nnomaa no atutu

na mmoa no nso aguan .

11 "Mɛyɛ Yerusalem mmubui siw,

sakraman atu;

na mɛma Yuda nkurow ada mpan

sɛnea obiara ntumi ntena ."

12 Onipa bɛn na onim nyansa ara ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan nweatam a obiara ntumi mfa so?

13 Awurade kae se, "Esiane wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no nti, wɔanyɛ osetie amma me na wɔanni me mmara so. 14 Mmom, wɔadi wɔn koma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no." 15 Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: "Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a wɔde awuduru afra. 16 Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so no so, na mede afoa bɛtaa wɔn kosi mɛsɛe wɔn."

17 Sɛnea Awurade tumfo se ni:

"Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no,

frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.

18 Ma wɔmmra ntɛm

mmesu ngu yɛn so

kosi yɛn ani so bɛtaa nusu

na nusu aguare yɛn.

19 Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se,

Wɔasɛe yɛn!

Yɛn anim agu ase yiye!

Ɛsɛ yetu fi yɛn asase so

efisɛ yɛn afi abubu.’ "

20 Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm;

monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom.

Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo;

monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.

21 Owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu

ahyɛn yɛn aban mu;

apam mmofra afi mmɔnten so

ne mmerante afi ɔman aguabɔbea.

22 Ka se, "Sɛɛ Na Awurade se,

" Nnipa afunu bɛdeda

te sumina a egugu petee mu,

te aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyi

a obiara mmoaboaa ano.’ "

23 Eyi ne nea Awurade se:

"Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho

anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho

anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.

24 Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho

ɔwɔ nhumu, na onim ,

me ne Awurade a ɔyɛ adɔe,

na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee asase so,

efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,"

sɛnea Awurade se ni.

25 "Nna no reba," Awurade na ose, "A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia honam fam nko ara no nyinaa aso: 26 Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa momonotofo na mpo Israelfi nyinaa koma mu momonotofo."

Veja também