Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 40

Wogyaa Yeremia

1 Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no gyaa Yeremia Rama akyi no, asɛm no fi Awurade nkyɛn baa Yeremia . Ohuu wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn nnommum a wofi Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu. 2 Bere a ɔsahene a otua awɛmfo no ano no huu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no se, "Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beae yi. 3 Na afei, Awurade ama aba mu, wayɛ sɛnea ɔkaa se ɔbɛyɛ no. Eyinom nyinaa baa mu, efisɛ mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ osetie amma no. 4 Nanso nnɛ mereyi wo afi nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wo nsa no mu. wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso wompɛ de a, mma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, baabiara a wopɛ." 5 Na ansa na Yeremia bɛdan ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho se, "San Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nena, a Babiloniahene apa no ɔnhwɛ Yuda nkurow so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena nnipa no mu, anaasɛ baabi foforo biara a wopɛ."

Na ɔsahene no maa Yeremia aduan ne akyɛde, na ɔmaa no kɔe. 6 Enti Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa asase no so no mu.

Wokum Gedalia

7 Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wuram no tee , Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu Babilonia ahyɛ ne nsa no, 8 wɔbaa Gedalia Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmabarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ofi Netofa mmabarima, Yesania a ɔyɛ Maakatni babarima ne wɔn mmarima. 9 Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den se, "Munnsuro mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye. 10 Me de, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu Babiloniafo a, wɔba yɛn nkyɛn no mu, na mo de, monkɔboaboa nsa, ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu twabere mu, na montenatena nkurow a moafa no so." 11 Bere a Yudafo a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahorow a aka no, tee Babiloniahene agyaw nkae bi Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena amrado wɔn so no, 12 wɔn nyinaa san baa Yuda asase so fi aman a wɔbɔɔ wɔn petee no so, kɔɔ Gedalia Mispa. Na wɔboaboaa nsa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano twabere mu.

13 Na Karea babarima Yohanan ne ntuano asraafo a wɔda so wuram no baa Gedalia nkyɛn Mispa 14 na wɔka kyerɛɛ no se, "Wunnim , Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael se, ommekum wo ana?" Nanso Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.

15 Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoa mu Mispa se, "Ma minkokum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn nti na ɛsɛ okum wo na ɔma Yudafo a wɔatwa wo ho ahyia no ahwete, na Yudafo nkae no yera?"

16 Nanso Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan se, "Nyɛ saa ade yi! Nea woka fa Ismael ho no nyɛ nokware."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também