Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 34

Wɔbɔ Sedekia Kɔkɔ

1 Bere a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakofo ne nʼahenni nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a odi so no mu reko tia Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia se, 2 "Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, Sɛnea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhyew no dwerɛbee. 3 Worenguan mfi ne nsam na nokware, wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wode wʼani behu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.

4 " Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Yudahene Sedekia. Sɛɛ na Awurade ka fa wo ho: Worennwu afoa ano; 5 na wubewu asomdwoe mu. Sɛnea nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatannaa de hyɛɛ wʼagyanom anuonyam, ahemfo dedaw a wodii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatannaa ahyɛ wo anuonyam na wɔadi awerɛhow se, "Ao, owura!" Mʼankasa na mehyɛ saa yi, Awurade na ose.’ "

6 Na odiyifo Yeremia kaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia Yerusalem, 7 bere a Babiloniahene asraafo reko atia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka34.7 Lakis ne Aseka—Salomo babarima Rehoboam bɔɔ saa nkurow yi ho ban nanso akyiri no, Asiria hempɔn Senaherib tuaa ano wɔ Lakis hene Hesekia bere so. (2 Be 32.9) a na wogu so reko . Eyinom ne nkuropɔn a na aka Yuda a wɔwɔ bammɔ.

Nkoa Ahofadi

8 Asɛm no fi Awurade baa Yeremia nkyɛn bere a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo ayɛ apam wɔbɛma nkoa ahofadi no akyi. 9 Ɛsɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifo; na obiara nni ho kwan ɔde ne yɔnko Yudani akoa. 10 Enti adwumayɛfo no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so wobegyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wogyaa wɔn. 11 Nanso akyiri no, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsan faa nnipa a wogyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.

12 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 13 "Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom yɛɛ apam bere a miyii wɔn fii Misraim, nkoasom asase so no. Mekae se, 14 Mfe ason biara no, ɛsɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. wasom mfe asia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.Nanso mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. 15 Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam mʼanim, ofi a me Din da so no mu. 16 Nanso mprempren, moadan mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asan akɔfa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.

17 "Afei nea Awurade se ni: Muntiee me na mompaee ahofadi mmaa mo ankasa nkurɔfo. Enti afei mepae ahofadima mo, Awurade na ose. Ahofadia ebegyaa mo ama afoa, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma moayɛ akyiwade ama asase so ahenni ahorow nyinaa. 18 Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛe a ɛwɔ apam a wɔayɛ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn nantwi ba a wɔpae ne mu abien na wɔnantew nʼafaafa no ntam no. 19 Yuda ne Yerusalem ntuanofo, asennii adwumayɛfo, asɔfo ne asase no so nnipa no nyinaa a monantew faa nantwi ba no afaafa no ntam no, 20 mede wɔn bɛma wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.

21 "Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfo bɛhyɛ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa, Babiloniahene asraafo a wɔatwe wɔn ho no nsa. 22 Merebɛhyɛ, Awurade asɛm ni, na mɛsan de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahyew no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkurow ada mpan a obiara rentumi ntena ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também