Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 11

Wɔabu Apam No So

1 Asɛm a efi Awurade baa Yeremia nkyɛn ni: 2 "Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3 Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so, 4 nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade mu no.Mekae se, Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. 5 Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen so no aba mu,asase a mote so nnɛ yi."

Mibuae se, "Amen, Awurade."

6 Awurade ka kyerɛɛ me se, "saa asɛm yi ho dawuru Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so. 7 Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, "Monyɛ osetie mma me." 8 Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’ "

9 Na afei Awurade ka kyerɛɛ me se, "Atuatew apam bi Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam. 10 Wɔasan wɔn agyanom a wɔampɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so. 11 Ɛno nti nea Awurade se ni: Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu , wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so. 12 Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13 Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi mobɛhyew nnuhuam so ama animguase nyame Baal no dɔɔso Yerusalem mmɔnten.

14 "Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, wosu frɛ me wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so.

15 "Dɛn na me dɔfo reyɛ mʼasɔredan mu

bere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho?

Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana?

woyɛ wʼamumɔyɛsɛm a

na wʼani agye."

16 Awurade, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔm

a ɛsow aba a ɛyɛ .

Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmu

bɛto mu gya,

na ne mman bebubu.

17 Asafo Awurade a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw wɔhyew nnuhuam ma Baal.

Yeremia Tirisopam

18 Esiane Awurade yii pɔw a wabɔ kyerɛɛ me no nti, mihui, efisɛ saa bere no ɔde nea wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19 Meyɛɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me ,

"Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;

momma yentwa no mfi ateasefo asase so,

sɛnea wɔnnkae ne din bio."

20 Nanso wo, Asafo Awurade, wo a wubu atɛntrenee

na wosɔ koma ne adwene hwɛ,

ma minhu wʼaweretɔ wɔn so,

na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.

21 Ɛno nti nea Awurade ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, "Nhyɛ nkɔm Awurade din mu anyɛ saa a, wubewu yɛn nsa ano," 22 Ɛno nti, nea Asafo Awurade se ni: "Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmerante bewuwu afoa ano, na ɔkɔm bekunkum wɔn mmabarima ne mmabea. 23 Wɔrennya wɔn nkae biara mpo, efisɛ mede amanehunu bɛba Anatotfo so wɔn asotwe afe mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também