Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 24

Borɔdɔma Nkɛntɛn Abien

1 Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakyin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfo, nʼadwumfo ne nʼatomfo a wɔwɔ Yuda fii Yerusalem kɔɔ nnommum mu Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim. 2 Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no papa te nea ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nye wodi mpo.

3 Na Awurade bisaa me se, "Dɛn na wuhu, Yeremia?"

Mibuae se, "Borɔdɔma, nea eye pa ara, ne nea enye mma wodi mpo."

4 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 5 "Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Borɔdɔma papa no gyina ma atukɔfo a wofi Yuda, wɔn a mitwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia asase so no. 6 Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiyedi, na mɛsan de wɔn aba ha bio. Mesiesie wɔn na merensɛe wɔn. Medua wɔn, na merentu wɔn ase. 7 Mɛma wɔn koma a wɔde behu me , me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.

8 " Nanso te borɔdɔma a enye no, nea enye sɛnea wodi mpo no,nea Awurade se ni, saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne Yerusalem nkae no, wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim. 9 Mɛma wɔn ayɛ akyide ne mfomsode ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahohora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ akyiwade ne mmusu baabiara a mɛpam wɔn akɔ. 10 Mɛsoma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm akɔ wɔn so kosi wɔbɛsɛe wɔn koraa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também