Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 38

Wɔde Yeremia Hyɛ Abura Mu

1 Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka akyerɛ nnipa no nyinaa se, 2 "Sɛɛ na Awurade se: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu no bewu afoa, ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafo afa no benya nkwa. Obenya ne ti adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. 3 Na sɛɛ na Awurade se, Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene asraafo nsa, na wɔn na wobedi so.’ "

4 Ɛno nti adwumayɛfo no ka kyerɛɛ ɔhene no se, "Ɛsɛ wokum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafo a wɔaka kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiyedi na mmom wɔn sɛe."

5 Ɔhene Sedekia buae se, "Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo."

6 Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfo adiwo no mu. Wɔde ntampehama gyaagyaa no too abura no mu; na nsu nni mu, mmom dontori na na ɛwɔ mu, enti Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.

7 Na Ebed-Melek38.7 Ebed-Melek—Ɛkyerɛ "ahenkwaa". Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfi tee wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Bere a ɔhene no te Benyamin Pon no, 8 Ebed-Melek fii ahemfi kɔka kyerɛɛ no se, 9 "Ɔdɛɛfo, nea saa nnipa yi ayɛ nyinaa amumɔyɛsɛm a etia odiyifo Yeremia. Wɔatow no akyene abura mu, baabi a ɔkɔm bekum no bere a brodo asa kuropɔn yi mu."

10 Na ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek se, "Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na munkoyi odiyifo Yeremia mfi abura no mu, ansa na wawu."

11 Ɛno nti Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, ahemfi . Ɔkɔsesaw ntamagow ne ntade dedaw de kyekyeree ntampehama ho, gyaa mu maa Yeremia abura no mu. 12 Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia se, "Fa ntamagow ne ntade dedaw no hyehyɛ wo mmotuam, na ntampehama no ammia wo." Na Yeremia yɛɛ saa, 13 Wɔde ntampehama no twetwee no yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo adiwo .

Sedekia Bisa Yeremia Nsɛm Bio

14 Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa Awurade asɔredan ano kwan a ɛto so abiɛsa . Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia se, "Merebebisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me."

15 Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, "mema wo mmuae a, worenkum me ana? Mpo mitu wo fo a, worentie me."

16 Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kokoa mu kyerɛɛ Yeremia se, "Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo na meremfa wo nhyɛ wɔn a wɔpɛ wokum wo no nsa."

17 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, "Sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no se: wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔrenkum wo na wɔrenhyew kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafo bɛtena nkwa mu. 18 Na woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafo, na wɔbɛhyew no dwerɛbee; na wo ankasa rentumi nguan mfi wɔn nsam.’ "

19 Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, "Misuro Yudafo a wɔkɔ Babiloniafo afa no, efisɛ ebia Babiloniafo no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayayade."

20 Yeremia buae se, "Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na nea meka kyerɛ wo. Ɛno na ɛbɛma asi wo yiye na woanya nkwa. 21 Nanso woamfa wo ho amma Babiloniafo no de a, nea Awurade ayi akyerɛ me ni: 22 Mmea a wɔaka Yudahene ahemfi nyinaa no, wɔde wɔn befi adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfo no. Saa mmea no bɛka akyerɛ wo se,

" Wɔdaadaa wo na wodii wo so

wo nnamfonom a wugye wɔn di no.

Wʼanan amem dontori mu;

wo nnamfonom agyaw wo .

23 "Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafo no. Wo de, worentumi nguan mfi wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkyere wo, na wɔbɛhyew saa kuropɔn yi."

24 Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, "Mma obiara nte saa nkɔmmɔdi yi, anyɛ saa a, wubewu. 25 adwumayɛfo no te me ne wo kasae, na wobebisa wo se, Ma yɛnte nea woka kyerɛɛ ɔhene ne nea ɔhene nso ka kyerɛɛ wo; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yebekum wo a,26 ɛno de ka kyerɛ wɔn se, Na meresrɛ ɔhene ɔmmfa me nsan nkɔ Yonatan fi mma me nkowu .’ " 27 Adwumayɛfo no nyinaa baa Yeremia bebisaa no, na ɔkaa nea ɔhene hyɛɛ no se ɔnka no nyinaa. Enti wɔanka hwee ankyerɛ no bio, efisɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔtwetwe no.

28 Na Yeremia tenaa ɔwɛmfo adiwo kosii da a wɔfaa Yerusalem.

Wɔfa Yerusalem

Sɛnea wɔfaa Yerusalem ni:

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também