Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 12

Yeremia Anwiinwii

1 Woyɛ ɔtreneeni bere biara, Awurade,

mede asɛm to wʼanim a.

Nso me ne wo bɛkasa afa wʼatɛntrenee ho:

Adɛn nti na amumɔyɛfo kwan si wɔn yiye?

Adɛn nti na wɔn a wonni gyidi ho dwo wɔn?

2 Woadua wɔn, na wɔagye ntin;

wonyinyin na wɔsow aba.

Wɔbɔ wo din bere biara

nanso wɔn koma mmɛn wo.

3 Nanso wunim me, Awurade;

wuhu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wo ho no hwɛ.

Twe wɔn nguan a wɔrekotwitwa wɔn mu!

Yi wɔn si nkyɛn ma okumda!

4 Asase no nkyen nkosi da bɛn

na prama so sare nguan nkosi da bɛn?

Esiane wɔn a wɔte so no amumɔyɛfo nti

mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu.

Na nnipa no da so ka se,

"Ɔrenhu nea ɛba yɛn so."

Onyankopɔn Mmuae

5 "wo ne mmarima atu mmirika

ama woabrɛ a,

ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi mmirikakan?

wuhintiw asase petee so a,

ɛno de, dɛn na wobɛyɛ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?

6 Wo nuabarimanom, wʼankasa abusuafo,

wɔn mpo ayi wo ama;

wɔteɛ mu dennen tia wo.

Mfa wo ho nto wɔn so,

mpo wɔka wo ho asɛm pa a.

7 "Megyaw me fi,

ato mʼagyapade asaworam;

mede nea medɔ no no

bɛhyɛ nʼatamfo nsa.

8 Mʼagyapade ayɛ me

gyata a ɔwɔ kwae mu.

Ɔbobɔ mu gu me so;

ɛno nti metan no.

9 So mʼagyapade nyɛɛ me anomaa

a nkekae sisi ne ho a ɔkyere mmoa

na nnomaa foforo a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔw no ana?

Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano.

Momfa wɔn mmra na wonkum wɔn.

10 Nguanhwɛfo bebree bɛsɛe me bobeturo,

na wɔatiatia me mfuw so;

wɔbɛdan me mfuw fɛɛfɛ no

ayɛ no asase hunu a ɛda mpan.

11 Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a,

awo wosee na ɛda kwa mʼanim;

asase no nyinaa bɛda mpan

efisɛ obiara nni a ɔhwɛ so.

12 Nkoko wosee a ɛwɔ nweatam no nyinaa so no

na asɛefo bɛba abegu bebree,

Awurade afoa bekunkum wɔn

afi asase ano de akosi ano nohɔ;

obiara remfa ne ho nni.

13 Wobedua atoko, nso wobetwa nsɔe;

wɔbɛbrɛ wɔn ho nanso wɔrennya hwee.

Wɔn ani bewu wɔn nnɔbaetwa ho.

Awurade abufuwhyew nti."

14 Nea Awurade se ni: "Na me yɔnkonom amumɔyɛfo a wɔfa agyapade a, mede maa me nkurɔfo Israelfo no de, metu wɔn afi wɔn nsase so na metu Yudafi afi wɔn mu. 15 Na mitu wɔn wie a, mehu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapade, ne nʼasase so. 16 Na wosua me nkurɔfo akwan yiye na wɔbɔ me din ka ntam se, Nokware Awurade te ase yia, ɛwɔ mu mmere bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfo ma wɔde Baal kaa ntam de, nanso wɔn ase betim me nkurɔfo mu. 17 Nanso ɔman bi antie a, metu nʼase, na masɛe no korakora," Awurade na ose.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também