Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 50

Asɛm A Ɛfa Babilonia Ho

1 Asɛm a Awurade nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafo asase ho ni:

2 "Mommɔ no dawuru na mompae mu nka amanaman mu.

Momma frankaa so na mompae mu nka;

na momma wɔnte ,

Wɔbɛfa Babilonia;

wobegu Bel anim ase,

na ehu bɛhyɛ Merodak ma.

Wobegu ne nsɛsode anim ase

na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.

3 Ɔman bi fi atifi fam bɛtow ahyɛ ne so

na wɔbɛyɛ nʼasase amamfo.

Obiara rentena so;

nnipa ne mmoa beguan afi so.

4 "Nna no mu ne saa bere no,"

Awurade na ose,

"Israelfo ne Yudafo bɛka abɔ mu

de nusu akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Nyankopɔn.

5 Wobebisa ɔkwan a ɛkɔ Sion

na wɔde wɔn ani akyerɛ .

Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade

daa apam a

werɛ remfi mu.

6 "Me nkurɔfo ayɛ nguan a wɔayera;

wɔn nguanhwɛfo ama wɔafom ɔkwan

ma wokyinkyin mmepɔw so.

Wokyinkyin bepɔw ne koko so

na wɔn werɛ fii wɔn ankasa homebea.

7 Obiara a ohuu wɔn no tetew wɔn mu:

wɔn atamfo kae se, Yenni ,

efisɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokware didibea no,

Awurade wɔn agyanom anidaso no.

8 "Munguan mfi Babilonia;

mumfi Babiloniafo asase so,

na monyɛ mpapo a wodi nguankuw anim.

9 Mɛkanyan amanaman akɛse nkabom

afi atifi fam asase so de wɔn abɛko atia Babilonia.

Wobegyinagyina wɔn afa atia no,

wobefi atifi fam ako afa no.

Wɔn agyan bɛyɛ dɔmmarima a wɔakwadaw akodi mu,

wɔn a wɔmmfa nsapan nsan wɔn akyi.

10 Enti wɔbɛfow Babilonia;

wɔn a wɔfow no nyinaa benya asade bebree,"

Awurade na ose.

11 "Esiane mo ani gye na mudi ahurusi,

mo a mofow mʼagyapade,

muhuruhuruw anigye so te nantwiforo a ɔwɔ sare frɔmfrɔm mu

na musu te apɔnkɔnini nti,

12 wo na ani bewu pa ara;

nea ɔwoo wo anim begu ase.

Ɔbɛyɛ akumaa amanaman no mu,

sare, asase wosee ne nweatam.

13 Awurade abufuw nti, obiara rentena

na ɛbɛda mpan korakora.

Wɔn a wotwa mu Babilonia nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw

esiane nʼapirakuru nyinaa nti.

14 "Munnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,

mo a motow agyan nyinaa.

Montow no! Munnyaw bɛmma biara,

efisɛ wayɛ bɔne atia Awurade.

15 Monteɛ mu ntia no afanan nyinaa!

Ɔma ne nsa so, nʼabandennen bubu,

wodwiriw nʼafasu gu fam.

Esiane eyi Awurade aweretɔ no nti,

montɔ ne so were;

monyɛ no sɛnea wayɛ afoforo no.

16 Munyi ogufo mfi Babilonia,

ɔne otwafo a okura ne kantankrankyi otwabere mu no.

Esiane nhyɛsofo no afoa nti

obiara nsan nkɔ ne nkurɔfo mu,

obiara nguan nkɔ nʼankasa asase so.

17 "Israel nguankuw a wɔahwete

a gyata apam wɔn.

Nea odii kan tetew ne mu

Asiriahene;

na nea ɔdwerɛwee ne nnompe akyiri no

Babiloniahene Nebukadnessar."

18 Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se:

"Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso

sɛnea metwee Asiriahene aso no.

19 Na mede Israel bɛsan aba nʼankasa didibea,

na obedidi Karmel ne Basan;

ɔbɛmee Efraim ne Gilead nkoko so.

20 Saa nna no ne saa bere no,"

Awurade na ose,

"Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbu mu,

nanso wɔrennya bi,

wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,

nanso wɔrenhu bi,

efisɛ, mede nkae a migyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.

21 "Montow nhyɛ Merataim asase so

ne nnipa a wɔte Pekod.

Montaa wɔn, munkunkum wɔn

na monsɛe wɔn korakora,"

Awurade na ose.

"Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.

22 Ɔko mu gyegyeegye asase no so,

ɔsɛe kɛse nnyigyei!

23 Hwɛ sɛnea wɔabubu na wɔabobɔ

asase nyinaa so asae!

Hwɛ sɛnea Babilonia ada mpan

amanaman no mu!

24 Misum wo afiri, Babilonia,

na eyii wo ansa na worehu;

wohuu wo kyeree wo

efisɛ woko tiaa Awurade.

25 Otumfo Awurade abue nʼakode adekoradan

na wayi nʼabufuwhyew akode de apue,

efisɛ Asafo Awurade adwuma

Babiloniafo asase so.

26 Mumfi akyirikyiri mmra ne so.

Mummubu nʼasan no ani;

monhɔre no siw awi akuwakuw.

Monsɛe no korakora

na munnyaw nkae biara mma no.

27 Munkunkum nʼanatwinini nyinaa;

momfa wɔn nkɔ mma wonkokum wɔn!

Mmusu nka wɔn! Efisɛ wɔn da no adu,

bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

28 Muntie akobɔfo ne aguanfo a wofi Babilonia no

wɔreka Sion

sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn atɔ were,

nʼasɔrefi ho aweretɔ.

29 "Momfrɛ agyantowfo nkɔtoa Babilonia,

wɔn a wɔtow agyan nyinaa.

Muntwa ne ho nhyia;

mommma obiara nguan.

Muntua ne nneyɛe so ka;

monyɛ no sɛnea wayɛ.

Efisɛ wabu Awurade animtiaa,

Israel kronkronni no.

30 Enti ne mmerante bɛtotɔ mmɔnten so;

wɔbɛtɔre nʼasraafo nyinaa ase saa da no,"

Awurade na ose.

31 "Hwɛ, mikyi wo; ɔhantanni."

Awurade, Asafo Awurade na ose,

"efisɛ wo da no adu

bere a wɔde bɛtwe wʼaso no.

32 Ɔhantanni no behintiw na wahwe ase,

obiara remmoa no mma ɔnnsɔre;

mɛto ne nkurow mu gya

na ahyew wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa."

33 Sɛɛ na Asafo Awurade se:

"Wɔhyɛ Israelfo so,

na Yudafo nso saa ara.

Wɔn nnommumfafo no kura wɔn dennen

a wɔmpɛ wogyaa wɔn ma wɔkɔ.

34 Nanso wɔn Gyefo ɔhoɔdenfo;

ne din ne Asafo Awurade.

Obedi wɔn asɛm ama wɔn anibere so,

sɛnea ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,

na wɔn a wɔte Babilonia no nea wahyɛ wɔn ahometew.

35 "Afoa a etia Babiloniafo!"

Awurade na ose,

"etia wɔn a wɔte Babilonia

na etia nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo!

36 Afoa a etia nʼatoro adiyifo!

Wɔbɛdan nkwaseafo.

Afoa a etia nʼakofo!

Ehu bɛhyɛ wɔn ma.

37 Afoa a etia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam

ne ananafo a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!

Wɔbɛdan mmea.

Afoa a etia nʼademude!

Wɔbɛfom.

38 Ɔyow nʼasu ahorow so!

Ɛbɛyoyow.

Efisɛ ɛyɛ ahoni asase,

ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.

39 "Enti sare so mmoa ne mpataku bɛtena ,

na ɛhɔ na patu bɛtena.

Obiara rentena so bio

efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.

40 Sɛnea Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora

ne wɔn nkurow gui no,"

Awurade na ose,

"saa ara na obiara rentena ;

onipa biara rentena mu.

41 "Monhwɛ! Asraafo bi fi atifi fam reba;

ɔman kɛse ne ahemfo bebree,

wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.

42 Wokurakura bɛmma ne mpeaw;

wɔn tirim den, na wonni ahummɔbɔ.

Wɔn nnyigyei te po a ɛworo so.

wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,

wɔba mmarima a wɔrekɔ sa

abɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Babilonia.

43 Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,

ne nsa sesa ne ho kwa.

Ahohiahia akyekyere no

ɔyaw a ɛte ɔbea a ɔrekyem awo so.

44 Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu

rekɔ adidibea frɔmfrɔm no,

saa ara na mɛtaa Babilonia fi nʼasase so bere tiaa bi mu.

Hena ne nea mayi no ɔnyɛ eyi?

Hena na ɔte me, na hena na obetumi ne me adi asi?

Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?"

45 Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Babilonia,

nea wabɔ ne tirim ɔbɛyɛ de atia Babiloniafo asase ni:

Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ;

wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.

46 Babilonia nnommumfa nnyigyei bɛma asase awosow;

ne nteɛteɛmu gyegyeegye amanaman no mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também