Publicidade

Jeremias 47

Nsɛm A Ɛfa Filistifo Ho

1 Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:

2 Sɛɛ na Awurade se:

"Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;

ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.

Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,

nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.

Nnipa no bɛteɛteɛ mu;

wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo

3 bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,

na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye

ne wɔn ntwahonan nnyigyei no.

Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;

wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.

4 Na da no aba

sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa

na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,

wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no.

Awurade rebɛsɛe Filistifo no,

nkae a wofi Kreta mpoano no.

5 Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;

wɔbɛma Askelon atɔ mum.

Mo nkae a mowɔ tataw so,

mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?

6 " ‘Aa, Awurade afoa,’

‘da bɛn na wobɛhome?

San kɔhyɛ wo boha mu;

gyae na da komm.’

7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm

bere a Awurade ahyɛ no

bere a wahyɛ no se

ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?"

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-