Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 45

Asɛm A Wɔde Ma Baruk

1 Eyi ne nsɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no mu, bere a na Baruk akyerɛw nsɛm a efi Yeremia anom no agu nhoma mmobɔwee bi mu. 2 "Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wo, Baruk: 3 Wokae se, Nnome nka me! Awurade de awerɛhow aka me yawdi ho; apinisi ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’  4 Awurade kae se, Ka eyi kyerɛ no: Nea Awurade se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase asase no so nyinaa. 5 Enti ɛsɛ wopɛ nneɛma akɛse ma wo ho ana? Nyɛ saa. Efisɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ose, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também