Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 13

Nwera Abɔso

1 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: "na kɔtɔ nwera abɔso wʼasen, nanso mma no nka nsu." 2 Enti metɔɔ abɔso sɛnea Awurade kyerɛe no, na mede bɔɔ mʼasen.

3 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so se, 4 "Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ wʼasen no Eufrate ho mprempren ara na fa kosie ɔbotan tokuru bi mu." 5 Enti mede kosiee Eufrate ho, sɛnea Awurade ka kyerɛɛ me no.

6 Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me se, "Afei Eufrate ho na kɔfa abɔso a meka kyerɛɛ wo se fa kosie no." 7 Enti mekɔɔ Eufrate ho kotuu abɔso no beae a mede siei no, nanso na asuw atetew a so nni mfaso biara.

8 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 9 "Sɛɛ na Awurade se, Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantankyɛnee no. 10 Saa amumɔyɛfo yi a wɔmpɛ wotie mʼasɛm na wodi wɔn komaden akyi na wodi anyame afoforo akyi som wɔn, sɔre wɔn no, bɛyɛ saa abɔso yi, na wɔn so remma mfaso biara! 11 Sɛnea abɔso kyekyere onipa asen no, saa ara na mede Israelfi ne Yudafi nyinaa bataa me ho wɔnyɛ me nkurɔfo a wɔbɛma me din so, aka mʼayeyi na wɔahyɛ me anuonyam, nanso wɔantie me,nea Awurade se ni.

Nsa Kotoku

12 "Ka kyerɛ wɔn se, Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni, Wɔmfa nsa nhyɛ nsa kotoku biara ma.Na wɔka kyerɛ wo se, Yenim ɛsɛ wɔde nsa hyɛ nsa kotoku biara ma a,13 afei ka kyerɛ wɔn se, Nea Awurade se ni: Mede nsabow bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahengua so, asɔfo, adiyifo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho bi. 14 Mɛtotow wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmabarima nyinaa, Awurade na ose. Meremma ahummɔbɔ anaa ayamye anaa ayamhyehye nsiw ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho kwan.’ "

Nnommumfa Ho Ahunahuna

15 Muntie na monyɛ aso,

na monnyɛ ahantan,

efisɛ Awurade akasa.

16 Monhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn, anuonyam

ansa na wama sum aduru,

ansa na mo anan ahintihintiw

nkoko a ɛso reduru sum no so.

Mo ani da hann so,

nanso ɔbɛdan no sum kusuu

na wɔasesa ayɛ no sum kabii.

17 Nanso moantie a,

mesu kokoa mu

esiane mo ahantan nti;

mʼani bɛtaataa nsu,

na nusu aguare me,

efisɛ wɔbɛfa Awurade nguankuw no akɔ nnommum mu.

18 Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmea se,

"Mumfi mo ahengua so nsi fam,

na mo anuonyam ahenkyɛw

befi mo ti so."

19 Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apon mu,

na obiara nni a obebuebue.

Wɔbɛsoa Yudafo akɔ nnommum mu

wobetwa wɔn asu koraa.

20 Mo mpagyaw mo ani nhwɛ

wɔn a wofi atifi fam reba no.

Nguankuw a wɔde hyɛɛ mo nsa no,

nguan a mode wɔn hoahoaa mo ho no he?

21 Awurade de wɔn a wɔyɛ mo nnamfonom mo so atitiriw a,

dɛn na mobɛka?

Na ɛrenyɛ mo yaw

te sɛnea ɔbea ɔreko awo ana?

22 Na wubebisa wo ho se,

"Adɛn nti na eyi aba me so a?"

Na efi wʼamumɔyɛ bebrebe no

nti na wɔatetew wo fam atade mu

ayɛ wo nipadua basaa no.

23 Etiopiani betumi asesa nʼahosu ana?

Na ɔsebɔ nso betumi asesa ne ho nsisimu no?

Saa ara na worentumi nyɛ papa,

wo a bɔneyɛ akokwaw wo no.

24 "Mɛbɔ mo ahwete ntɛtɛ a,

nweatam so mframa rebɔ no.

25 Eyi ne nea mubenya,

mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,"

Awurade na ose,

"efisɛ mo werɛ afi me

na mode mo ho ato anyame huhuw so.

26 Mɛtwe mo fam ntade abua mo anim

na wɔahu mo ahohora.

27 Mo aguamammɔ ne mo akɔnnɔ bɔne,

mo aguamammɔ a momfɛre ho!

Mahu mo nneyɛe bɔne no

nkoko ne sare so.

Due, Yerusalem!

Wobɛyɛ fi akosi da bɛn?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também