22 Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom agyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23 Efisɛ wɔawo mo foforo; emfi aba a ɛporɔw mu, na mmom efi Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔw no mu. 24 Kyerɛwsɛm no ka se,
"Nnipa nyinaa te sɛ sare;
na wɔn anuonyam te sɛ nhwiren.
Sare no wu ma ne nhwiren no po,
25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa."
Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.