Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Pedro 1

1 Saa krataa yi fi Yesu Kristo somafo Petro nkyɛn,

Ɔde kɔma Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn a wɔabɔ ahwete ahɔho Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. 2 Wɔnam Agya Onyankopɔn botae so na woyii mo na wɔnam ne Honhom so tew mo ho munni Yesu Kristo akyi na ɛnam so ama ne mogya no atew mo ho:

Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso nka mo.

Anidaso

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim, 4 enti yɛrehwɛ anim yebenya nhyira dodow a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie ɔsoro ama mo, efisɛ de, ɛremporɔw anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso. 5 Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛse no so bɛhwɛ mubedu asomdwoe mu na mo nsa aka, efisɛ mugye no di. Ɛbɛyɛ mo de nna a edi akyiri no mu ama obiara ahu. 6 Ɛwɔ mu ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. 7 Ɔhaw ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu mo gyidi no kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya hwɛ, enti ɛsɛ wɔsɔ mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no hwɛ hu ebetumi agyina ana. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam. 8 Ɛwɔ mu munhu Yesu de, nanso modɔ no. Munhu no mprempren de, nanso mugye no di. Anigye a moanya no boro so, 9 efisɛ mo nsa renka gyidi so mfaso a ɛyɛ mo kra nkwagye no.

10 Saa nkwagye yi na adiyifo no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, hyɛɛ saa akyɛde yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11 Wɔpɛɛ wohu bere no ne ɔkwan a ɛnam so bɛba. Saa bere yi ne bere a Kristo Honhom a ɛte wɔn mu no rekyerɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo amanehunu a ɔbɛfa mu ne anuonyam a ebedi akyi no ho. 12 Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifo no , wɔanyɛ adwuma no amma wɔn ho, na mmom wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛwɔ mu abɔfo no pɛɛ wɔbɛte Asɛmpa yi de, nanso wɔde brɛɛ mo nko ara.

13 Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14 Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no no nni mo so. 15 Na mmom monyɛ kronkron biribiara a moyɛ mu, sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no kronkron no. 16 Kyerɛwsɛm no ka se, "Ɛsɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron."

17 Monkae mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpae no nhwɛ nnipa anim nʼatemmu mu. Ɛno nti momfa nidi nyinaa mma no mo nna a aka mo asase yi so no. 18 Efisɛ munim bo a wotua de gyee mo fii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ ade a ɛhwere ne bo a ɛsom te dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. 19 Kristo a ɔte oguamma a onni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔre a ne bo den ma munyaa ahofadi. 20 Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi no na mo nti na nna a edi akyiri no wɔdaa no adi no. 21 Ɛnam ne so na mugyee Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔmaa no anuonyam no dii. Ɛnam so ama mo gyidi ne mo anidaso ase atim Onyankopɔn mu no.

22 Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom agyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23 Efisɛ wɔawo mo foforo; emfi aba a ɛporɔw mu, na mmom efi Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔw no mu. 24 Kyerɛwsɛm no ka se,

"Nnipa nyinaa te sare;

na wɔn anuonyam te nhwiren.

Sare no wu ma ne nhwiren no po,

25 nanso Awurade asɛm no daa nyinaa."

Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.

Veja também