Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Pedro 4

2 Efi mprempren rekɔ no, mo nna a aka asase so ha no, ɛsɛ Onyankopɔn na odi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. 3 Moasɛe mmere bebree de ayɛ nea anka ɛsɛ abosonsomfo na wɔyɛ. Motenaa ase ahohwi, akɔnnɔbɔne, nsabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a ɛyɛ akyiwade mu. 4 Mprempren ɛyɛ wɔn nwonwa mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno nti wɔyeyaw mo. 5 Nanso wobebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefo ne awufo atɛn no. 6 Saa nti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufo, sɛnea ɛbɛyɛ a wogyina wɔn asetena yi mu nneyɛe so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.

7 Biribiara awiei abɛn. Ɛsɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpae.

Veja também