Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Timóteo 3

Asafo Mpanyimfo

1 Ɛyɛ sɛnnahɔ , obi ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa. 2 Asafopanyin obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ ne yere baako. Ɛsɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ ogye ahɔho ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso. 3 Ɛnsɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ ɔyɛ sikaniberefo. 4 Ɛsɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma osetie de obu ne nidi ma no. 5 Na obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? 6 Ɛnsɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no na wayɛ ahomaso ama wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no. 7 Ɛsɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifo no mpo de nidi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afiri renyi no.

Asafo Mu Aboafo

8 Ɛsɛ asafo mu aboafo nso nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo. 9 Ɛsɛ wɔde adwene mu fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no. 10 Ɛsɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na wodi sɔhwɛ no so nkonim a wɔasom.

11 Ɛsɛ wɔn yerenom nso suban pa a wonni nseku. Ɛsɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware biribiara mu.

12 Ɛsɛ asafo no mu boafo no yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye. 13 Wɔn a wɔsom yiye no benya nnyinaso pa, na wɔn gyidi a wɔwɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.

14 Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidaso ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn. 15 Na mannu wo nkyɛn ntɛm a saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea wɔbɔ wɔn bra Onyankopɔn fi; ofi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asafo a ɛyɛ nokware no nnyinaso. 16 Akyinnye biara nni ho , ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔn:

Ɔbae onipa tebea mu,

Honhom no buu no bem,

na abɔfo huu no,

wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,

na wiase gyee no dii,

wɔfaa no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu.

Veja também