Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Timóteo 4

Atoro Akyerɛkyerɛfo

1 Honhom no si no pi , akyiri no, nnipa bi begyae gyidi no mu so. Wobedi atoro ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. 2 Saa nkyerɛkyerɛ yi fi nyaatwomfo atorofo a wɔyɛ adwenwuifo dade a wɔato ogya mu no. 3 Saa nnipa no kyerɛkyerɛ se enye obi ware, na nnuan bi nso a enye onipa di. Nanso Onyankopɔn bɔɔ saa nnuan no , agyidifo a wɔahu nokware no nsa ka na wɔbɔ so mpae a, wotumi di. 4 Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so. 5 Efisɛ Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.

6 woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ woyɛ Kristo somfo pa a wɔnam nokware ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atetew wo. 7 Nsɛe wo bere gyidihuu nsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. onyamesompa ho mmɔden. 8 Ɛwɔ mu ɔhonam mu mmɔdemmɔ ho hia de, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, efisɛ ɛhyɛ yɛn nnɛ asetena ne daakye asetena ho . 9 Eyi nokwasɛm a ɛsɛ wogye to mu na wogye di. 10 Ɛno nti na ɛsɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma dennen, efisɛ yɛde yɛn anidaso ahyɛ Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titiriw wɔn a wogye asɛm no di no.

11 Eyinom na ɛsɛ moka ho asɛm mo nkyerɛkyerɛ no mu. 12 Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo wunnyinii nti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo mu, wo gyidi mu ne wo kronkronyɛ mu no, ɛsɛ woyɛ nhwɛso pa. 13 Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Fa Wo Dom Akyɛde Som

14 Nnyaa honhom mu akyɛde a mpanyimfo nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wunyaa no mu. 15 So saa nneɛma no mu yiye. Fa wo ho nyinaa ma wɔn, sɛnea ɛbɛma obiara ahu wo nkɔso. 16 Hwɛ wo ho so yiye na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. so saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.

Veja também