Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Timóteo 2

Ma Kristo Ahoɔden Nhyɛ Wo Den

1 Na wo, Timoteo me ba, Kristo Yesu mmɔborɔhunufo, enti ma ɔnhyɛ wo den. 2 Fa nsɛm a wotee mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa. 3 amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena Kristo Yesu sraani pa. 4 Ɔsraani mmfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ ɔpɛ ɔsɔ ne panyin ani. 5 Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye odi akansi no mmara so. 6 Ɛsɛ okuafo mmɔdemmɔfo odi kan nya ne nnɔbae bi. 7 Dwene nsɛm a mereka yi ho, efisɛ Awurade bɛma woate biribiara ase.

8 Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. 9 Esiane meka Asɛmpa no nti mihu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ɔdebɔneyɛni. Nanso wonguu Onyankopɔn asɛm no nkɔnsɔnkɔnsɔn ɛ. 10 Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi.

11 Nsɛm a ɛsɛ wode wo ho to so ni:

"yɛne no wui a,

yɛne no bɛtena ase.

12 yɛampa abaw a

yɛne no bedi hene.

yɛpa no a,

ɔno nso bɛpa yɛn.

13 yɛnyɛ nokwafo a,

ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo

efisɛ ɔrensan nʼasɛm."

Nnye Akyinnyehunu

14 Monkae mo nkurɔfo eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ Onyame anim se wɔnnham wɔn nsɛm ho, na mfaso biara nni so; na ɛsɛe atiefo adwene kɛkɛ. 15 mmɔden wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. 16 Twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ho, efisɛ ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho. 17 Nea wɔkyerɛ no te akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18 Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ agyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. 19 Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no, efisɛ wɔakyerɛw so se, "Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de," na "Ɛsɛ obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no ɔtwe ne ho fi bɔne ho."

20 Nkuku ne nkaka ofi kɛse mu. Ebi a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi a ɛwɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa. 21 obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi , asiesie ne ho ama ne wura dwuma pa biara a ɛsɛ odi no, obedi.

22 Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te : trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. 23 Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu, efisɛ ɛde akasakasa ba. 24 Ɛnsɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso 25 a wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn, ebia Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene ama wɔahu nokware no. 26 Na wɔn adwene mu ada na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu.

Veja também

2 Timóteo
Ver todos os capítulos de 2 Timóteo