Pular para o conteúdo
Publicidade

Naum 1

1 Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.

Awurade Abufuw A Etia Ninewe

2 Awurade ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn,

Awurade were, na abufuw ahyɛ no ma.

Awurade nʼatamfo so were,

na nʼabufuw tena wɔn so.

3 Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so,

na ɔtwe ɔfɔdifo aso.

Ne kwan mfɛtɛ ne ahum mu,

omununkum nʼanan ase mfutuma.

4 Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow;

ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow.

Basan ne Karmel twintwam,

na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa.

5 Mmepɔw wosow biribiri nʼanim

na nkoko nan.

Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa

wosow nʼanim.

6 Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano?

Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu?

Nʼabufuw hwie te ogya;

abotan yam nʼanim.

7 Awurade ye,

ɔyɛ ahohia mu guankɔbea.

Nʼani wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

8 Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so

bɛma Ninewe aba awiei.

Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.

9 Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,

ɔbɛsɛe no;

ɔhaw biara remma nto so mprenu.

10 Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho,

na bere a wɔn nsa abow wɔn no

wɔbɛhyew wɔn nwuraguanee a wɔaboa ano.

11 Ninewe, wo mu na

nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade

na otu fo bɔne no fi.

12 Nea Awurade se ni:

"Ɛwɔ mu wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de,

nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.

Yuda, ɛwɔ mu mama ɔhaw aba wo so,

nanso merenyɛ saa bio.

13 Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu

na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu."

14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:

"Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so.

Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu

a esisi wʼabosonnan mu no.

Mesiesie wo da

efisɛ woadan ayɛ atantanne."

15 Hwɛ mmepɔw no so,

nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn

ɔno na ɔka asomdwoesɛm!

Yuda di wʼafahyɛ na

di bɔhyɛ so.

Nnipabɔne rentu wo so sa bio;

Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Veja também

Naum
Ver todos os capítulos de Naum