Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Tessalonicenses 1

1 Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,

Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no:

Adom ne asomdwoe nka mo.

Aseda

2 Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo yɛn mpaebɔ mu nso. 3 Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo a ɛma mutumi de nsi adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.

4 Anuanom, yenim Onyankopɔn mo nti na wayi mo ɔno ankasa ne de no. 5 yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛnea yɛboaa mo fae. 6 Musuasuaa yɛn ne Awurade; ɛwɔ mu muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no. 7 Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa agyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela nyinaa. 8 Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom gyidi a mowɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni a ɛsɛ yɛka bio. 9 Obiara kamfo sɛnea mugyee yɛn ne sɛnea motwee mo ho fii abosom ho kɔsom nokware Nyankopɔn a ɔte ase daa no, 10 na motwɛn ne Ba a ofi ɔsoro no; Yesu a onyan no fii awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.

Veja também

1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses