Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Tessalonicenses 3

Asɛmpa A Efi Timoteo Nkyɛn

1 Akyiri yi a yehuu yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene yɛbɛtena Atene. 2 Enti yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no Onyankopɔn adwuma no ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa nhyɛ mo gyidi den, 3 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa no nti mo mu biara remmɔ hu. Mo ara munim saa ɔtaa no Onyankopɔn a wahyehyɛ ama yɛn. 4 Bere a na yɛne mo no, yedii kan ka kyerɛɛ mo se wɔbɛtaa yɛn; na sɛnea munim no na aba mu saa pɛpɛɛpɛ no. 5 Eyi nti esiane na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa Timoteo se ɔmmɛhwɛ sɛnea mo gyidi te. Mewɔ anidaso ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma a yɛadi no nyinaa anyɛ ɔkwa.

6 Afei, Timoteo afi mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidi ne mo ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn se, daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ muhu yɛn, sɛnea yɛn nso yɛpɛ yehu mo no ara . 7 Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, 8 efisɛ mugyina pintinn Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano yɛn asetena mu. 9 Ɛsɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase moama yɛn ho asɛpɛw yɛn nʼanim. 10 Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no , ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo mo gyidi mu.

11 Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie ɔkwan na yɛmmra mo nkyɛn. 12 Awurade mma mo mu nyɛ den mmoro so mo ho mo ho ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no. 13 Mebɔ mpae Awurade ne ne nkurɔfo nyinaa ba a, ɔbɛma mo koma mu ayɛ kronkron a nkekae biara nni mu Agya Nyankopɔn anim.

Veja também

1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses