Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Tessalonicenses 5

Munsiesie Mo Ho Mma Awurade Ba No

1 Anuanom, ɛho nhia mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi. 2 Efisɛ mo ankasa munim yiye da a Awurade bɛba no bɛyɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo. 3 Bere a nnipa bɛka se, "Biribiara asomdwoe" no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nguan. Ɛbɛyɛ te yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no.

4 Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ saa da no fu mo mu ɔkorɔmfo. 5 Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. 6 Ɛno nti, ɛnsɛ yɛdeda afoforo no. Ɛsɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. 7 Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa. 8 Nanso yɛyɛ adekyee mma nti, ɛsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso dade kyɛw. 9 Onyankopɔn anyi yɛn yemmehu amane nʼabufuw ano, na mmom oyii yɛn yebenya nkwagye Awurade Yesu Kristo mu. 10 Kristo wu maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛanyan oo, anaa yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase nkwa mu. 11 Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.

Afotu Ne Nkradi

12 Anuanom, yɛsrɛ mo momfa obu ne nidi mma wɔn a Awurade ayi wɔn wonni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. 13 Esiane adwuma a wɔyɛ no nti, mummu wɔn na monnɔ wɔn yiye. Montena ase asomdwoe mu. 14 Anuanom, yɛhyɛ mo monkasa nkyerɛ anihawfo, monka wɔn a wɔnyɛ hyew no hyew; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw; montɔ mo bo ase mma wɔn nyinaa. 15 Monhwɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara momma ɛnyɛ mo botae mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.

16 Momma mo ani nnye da biara 17 na bere biara nso, mommɔ mpae; 18 biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn Kristo Yesu mu.

19 Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; 20 munnsi adiyisɛm atwetwe. 21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye. 22 Na munkyi bɔne biara.

23 Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kosi yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. 24 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.

25 Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.

26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.

27 Mehyɛ mo Awurade tumi mu se monkenkan saa nhoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.

28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

Veja também

1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses