20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka "Amen" de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 21 Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22 faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
Publicidade