Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 21

Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho:

Te mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no,

ɔtamfo bi fi nweatam so reba,

ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.

2 Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me:

Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade.

Elam tow hyɛ so! Media pampim!

Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.

3 Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu,

ɔyaw aka me, te ɔbea a awo aka no;

nea metee no nti mintumi nnyina me nan so,

nea mihu no ama me ho adwiriw me.

4 Me koma kitirikitiri,

ehu ma me ho popo;

na hann a mepɛɛ mihu no

abɛyɛ aninyanne ama me.

5 Wɔto pon,

wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam,

wodidi, na wɔnom!

Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo,

momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!

6 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:

"Fa ɔwɛmfo kogyina

na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.

7 ohu nteaseɛnam

ne apɔnkɔ akuwakuw,

wɔn a wɔtete mfurum so

ne wɔn a wɔtete yoma so a,

ɔnwɛn nʼaso,

nwɛn no pa ara."

8 Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se,

"Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so

Anadwo biara, migyina .

9 Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi

ɔne apɔnkɔ dɔm.

Na ɔwɛmfo no kae se,

Babilon ahwe ase, wahwe ase!

Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa

abubu agu fam!’ "

10 Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo awiporowbea ase

meka nea mate kyerɛ mo

nea efi Asafo Awurade,

nea efi Israel Nyankopɔn .

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

11 Adehu a ɛfa Duma ho:

Obi frɛ me fi Seir,

"Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ?

Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?"

12 Ɔwɛmfo no bua se,

"Ade rekye, nanso ade bɛsa.

wubebisa bio a

san bra bebisa."

Nkɔmhyɛ A Etia Arabia

13 Adehu a ɛfa Arabia ho:

Mo Dedan akwantufo a

mosoɛ Arabia adɔtɔ ase,

14 Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn;

mo a motete Tema,

mommrɛ aguanfo no aduan.

15 Woguan fi afoa a watwe

tadua a wɔakuntun mu

ne ɔko a egyina mu ano.

16 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, "Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa. 17 Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi." Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também