Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 62

Sion Din Foforo

1 Sion nti, merenyɛ komm,

Yerusalem nti, merenyɛ dinn,

kosi ne trenee bɛhyerɛn adekyee,

na ne nkwagye adɛw ogyatɛn.

2 Amanaman no behu wo trenee,

na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam;

wɔbɛfrɛ wo din foforo

a Awurade de bɛto wo no.

3 Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw Awurade nsam,

ne adehye anuonyam abotiri wo Nyankopɔn nsam.

4 Wɔremfrɛ wo amamfo bio,

anaa wʼasase amamfo.

Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn

ne wʼasase Beula anaa ɔwarefo

efisɛ Awurade ani begye wo ho,

na ɔbɛware wʼasase.

5 Sɛnea aberante ware ababaa no,

saa ara na wo mmabarima bɛware wo;

ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no,

saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho.

6 Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem;

wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.

Mo a musu frɛ Awurade no,

monnhome koraa,

7 na mommma onnye nʼahome kosi , ɔbɛma Yerusalem atim

na wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo.

8 Awurade de ne basa nifa aka ntam

ne basa a ɛyɛ den no se,

"Meremfa mo awi

mma mo atamfo wɔn aduan bio,

na ananafo rennom nsa foforo

a moabrɛ ho no bio;

9 wɔn a wotwa no na wobedi

na wɔakamfo Awurade,

na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom

me kronkronbea adiwo."

10 Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu!

Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no.

Mompae, mompae ɔtempɔn no!

Munyiyi so abo no.

Munsi frankaa mma amanaman no.

11 Awurade abɔ no dawuru

akosi nsase ano se,

"Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se,

Hwɛ, wo Agyenkwa reba!

Hwɛ nʼakatua ka ne ho,

na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’ "

12 Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,

wɔn a Awurade Agye Wɔn;

na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan,

Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também