Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 17

Nkɔmhyɛ A Etia Damasko

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho:

"Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio

ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw.

2 Aroer nkuropɔn bɛdan amamfo

na wɔagyaw ama nguankuw ama wɔadeda ,

a obiara renyi wɔn hu.

3 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera Efraim,

adehyetumi nso befi Damasko;

Aram nkae bɛyɛ

Israelfo anuonyam,"

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

4 "Da no Yakob anuonyam bɛpa;

na ne mu srade bɛsa.

5 Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so

na ɔde ne nsa penpan,

bere a obi redi mpɛpɛwa

Refaim Bon mu.

6 Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,

sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no,

ɛka aba no abien anaa abiɛsa atifi mman no so,

ne anan anaa anum mman a ɛso no so,"

sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.

7 Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so

na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.

8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a

ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,

na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka

a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa.

9 Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw no, bɛyɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.

10 Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa,

na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no.

Enti ɛwɔ mu mopɛ nnua papa

na mudua bobe a moatɔ afi amannɔne,

11 ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii

anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren,

nanso otwa no renyɛ hwee

ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.

12 Nnome nka aman dodow a wohuru so no,

wohuru so te po a ɛrebɔ asorɔkye!

Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so,

wɔworo so asu akɛse!

13 Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te , asu a ɛresen mmirika so,

ɔka wɔn anim a woguan akyirikyiri,

te ntɛtɛ a mframa gu bepɔw so

te nweatam so nwura a mframaden rebɔ no.

14 Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri mu

ansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw!

wɔn a wɔfow yɛn nneɛma,

ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também